Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 8 - KYERƐW KRONKRON


Ɔsoro asɔfodi

1 Na nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtena tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro

2 sɛ kronkronbea ne nokware ntamadan a Awurade ankasa, na ɛnyɛ onipa, pamee no mu sɔfo.

3 Na ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.

4 Na sɛ ɔwɔ asase so de a, anka ɔnyɛ ɔsɔfo mpo, efisɛ asɔfo a wɔde ayɛyɛde ma, sɛnea mmara no te, wɔ hɔ dedaw.

5 Wɔn na wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne mfonini, te sɛnea bere a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ese: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te.

6 Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.


Apam foforo bɔhyɛ

7 Na sɛ kan apam no ho nni asɛm a, anka wɔnhwehwɛ nea ɛto so abien tobea.

8 Na onunu wɔn sɛ: Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ose, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo,

9 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn mifii Misraim asase so no; efisɛ wɔn de, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwen wɔn ho, Awurade na ose.

10 Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara mɛhyɛ wɔn adwenem, na makyerɛw wɔ wɔn komam, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

11 Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani, obi renkyerɛ ne nua sɛ: Hu Awurade! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi ɔkɛse so.

12 Na mɛdom wɔn wɔn amumɔyɛ ho, na wɔn bɔne de, merenkae bio.

13 Nea ɔka sɛ, “foforo” yi no, ɔde ama kan de no dedaw; na nea ɛreyɛ dedaw na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan