Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 7 - KYERƐW KRONKRON


Melkisedek kwan so Sɔfodi

1 Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo, Abraham kokum ahene no na ɔresan aba no, okohyiaa no hyiraa no.

2 Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotoso du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ trenee hene kan, na ɛno akyi nso ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoe hene,

3 onni agya nni na nni awo ntoatoaso, onni nna mfiase anaa nkwa awiei, na wɔde no toto Onyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfo afebɔɔ.

4 Na monhwɛ onipa yi a agya panyin Abraham maa no asade no so ntotoso du du no so a ɔso!

5 Na wɔn a wofi Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛde bi sɛ wonnye ntotoso du du, sɛnea mmara no te, wɔ ɔman no, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso fi Abraham asen mu no, nkyɛn;

6 nanso nea n’abusua mfi wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotoso du du, na ohyiraa nea ɔwɔ bɔhyɛ no.

7 Nso akyinnye biara nnim sɛ nea ɔkyɛn so no na ohyira akumaa.

8 Na ɛha nso, nnipa a wowu na wogye ntotoso du du, na ɛhɔ de, nea wodi ne ho adanse sɛ ɔte ase no.

9 Na yebetumi aka sɛ, Lewi nso a ogye ntotoso du du no nam Abraham so maa ntotoso du du no bi,

10 efisɛ bere a Melkisedek behyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asen mu.


Ɔsɔfo foforo a ɔte sɛ Melkisedek

11 Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifo asɔfodi so ba a, (efisɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka dɛn hia na ehia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfo foforo bɛsɔre na wɔnka no sɛ Aaron kwan so?

12 Na sɛ wɔsakra asɔfodi no a, etwa sɛ wɔsakra mmara no nso.

13 Na nea wɔbɔ ne din ka nsɛm yi fi abusuakuw foforo a obi mfii mu mmɛyɛɛ afɔremuka ho adwuma pɛn mu.

14 Efisɛ ɛda adi fann sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade puei, nso saa abusuakuw yi Mose ammɔ din anka asɔfodi ho hwee.

15 Na nea ɛma asɛm no da adi fann koraa ne sɛ, ɔsɔfo foforo sɔre Melkisedek nsɛso so

16 a wɔamfa ɔhonam ahyɛde mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛe ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfo.

17 Na wodi ne ho adanse sɛ: Woyɛ Melkisedek akwan so sɔfo daa.

18 Na wogu ahyɛde bi a edi kan wɔ emu ade a ɛyɛ mmerɛw na ɛho nni mfaso nti,

19 (efisɛ mmara no amma biribiara anni mu,) nanso wɔde anidaso a eye kyɛn so a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.

20 Na sɛnea wɔankwati ntanka anyɛ eyi no, ɛwom sɛ wɔn de, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfo,

21 nanso oyi de, nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: Awurade aka ntam, na ɔrennu ne ho sɛ: Woyɛ ɔsɔfo daa no, de ntanka ahyɛ no sɔfo,

22 Sɛnea apam a Yesu adi mu agyinam yi ye kyɛn so ne no.

23 Na wɔn de, esiane sɛ owu amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfo a wɔdɔɔso,

24 nanso oyi de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo afebɔɔ.

25 Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.

26 Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.

27 Ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko pɛ.

28 Na mmara no de, hyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, na mmara no akyi ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panyin.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan