Hebrifo 5 - KYERƐW KRONKRON1 Na ɔsɔfo panyin biara, woyi no fi nnipa mu hyɛ no sɔfo ma nnipa, Onyankopɔn fam nneɛma ho, na bɔne nti ɔde ayɛyɛde ne afɔre ama, 2 sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. 3 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho, sɛnea ɔbɔ ma ɔman no. 4 Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no. 5 Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin, na mmom nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ! 6 Sɛnea ɔkae baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo panyin, Melkisedek akwan so. 7 Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no. 8 Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, 9 na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae, 10 a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no sɔfo panyin Melkisedek kwan so. Akyirisan ho kɔkɔbɔ 11 Ɛno ho na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den, nanso ka mo aso asisiw. 12 Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. 13 Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu, na ɔyɛ akokoaa. 14 Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana