Hebrifo 3 - KYERƐW KRONKRONKristo sen Mose 1 Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu 2 a odi nea ɔde no sii hɔ no nokware, sɛnea Mose nso dii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware no. 3 Na oyi de, wɔabu no sɛ anuonyam bebree sɛ no, sen Mose, te sɛ nea osi ofi wɔ nidi bebree sen ofi no. 4 (Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.) Mose yɛ ɔsomfo pa 5 Na Mose de, odii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware sɛ ɔsomfo, sɛ obedi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanse. 6 Na Kristo de, odi ne fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi awiei. Akyinnyegye ne asoɔden ho kɔkɔbɔ 7 Enti, sɛnea Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, 8 mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu, sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ, 9 nea mo agyanom gyigyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛe, na wohuu me nnwuma mfirihyia aduanan. 10 Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan; 11 sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no: Wɔrenhyɛn me home mu da. 12 Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Nokwaredi ho hia 13 Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma. 14 Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako 15 Sɛ wɔka sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma sɛ ahiyi no mu a, 16 na ɛhefo na wɔtee a wɔtew atua no? Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so fii Misraim nyinaa no anaa? Yudafo abakɔsɛm mu nkyerɛnkyerɛ bi 17 Na ɛhefo ho na ɛyɛɛ no ahi mfirihyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu sare so no anaa? 18 Na ɛhefo na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛn ne home mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no? 19 Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana