Hebrifo 2 - KYERƐW KRONKRONNkwagye kɛse no 1 Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi. 2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfo so kae no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a, 3 yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn, 4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi. Yesu nam owu mu kɔ anuonyam mu 5 Efisɛ ɛnyɛ abɔfo ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ. 6 Na obi di adanse baabi sɛ: Ɔdesani ne hena a wokae no, anaasɛ onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho? 7 Woama aka kakra na wato abɔfo, wode anuonyam ne nidi abɔ no abotiri, [na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,] 8 wode ade nyinaa ahyɛ n’anan ase. Na sɛ ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase. Na mprempren de, yennya nhui sɛ wɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ase, 9 Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri. Ɔnam amanehunu so du ne pɛyɛ mu 10 Na ɛfata nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu. 11 Na nea ɔtew ho, ne wɔn a wɔtew wɔn ho nyinaa wɔ abɔse biako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom, 12 sɛ: Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, asafo mu na mɛto ayeyi dwom mama wo. 13 Na bio: Mede me ho bɛto no so. Na bio nso: Hwɛ me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni. Ɔsɔfo panyin Yesu de n’ankasa ne ho bɔ afɔre 14 Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no, 15 na wagye wɔn a anka owu ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te ase nyinaa 16 Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfo na oso wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefo na oso wɔn mu gye wɔn. 17 Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nneɛma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. 18 Na ɛnam sɛ n’ankasa huu ɔsɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana