Hebrifo 12 - KYERƐW KRONKRONYesu nhwɛso 1 Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika, 2 nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa. 3 Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti. 4 Mo ne bɔne redi ako yi, munnya nsiw ano nkoduu mogya mu ɛ, 5 na mo werɛ afi afotu a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso oyi wo ntɛn a, mma w'aba mu mmu. 6 Na nea Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ogye no. 7 Sɛ muhu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso? 8 Na sɛ munni asotwe a wɔn nyinaa anya bi no bi a, ɛnne na moyɛ aguaman mma, na ɛnyɛ mma mapa. 9 Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase? 10 Na wɔn de, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi sɛnea eye wɔ wɔn ani so nko, na ɔno de, yɛn yiye nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahotew no bi. 11 Na asotwe biara, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no. 12 Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio. 13 Na munsiesie ɔkwan trenee mma mo anan, na nea atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare. Po a wɔpo Onyankopɔn adom no ho kɔkɔbɔ 14 Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi. 15 Na monhwɛ yiye na obi amfi Nyankopɔn adom ho anka akyiri, na wanyɛ sɛ ntini nwenewene bi amfifi anyɛ ɔhaw biara, na amfa nkekae ammɛkeka nnipa bebree, 16 na obi anyɛ oguamammɔfo anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro. 17 Na munim sɛ, akyiri yi nso a ɔpɛe sɛ onya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nusu hwehwɛɛ adwensakra kwan de, nanso wanhu. 18 Na moamma bepɔw a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyew ne omununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu 19 ne torobɛnto gyigye ne nsɛm nne a wɔn a wɔtee no srɛe sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho. 20 Na wɔantumi nea wɔhyɛe a ese: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔw no a, wonsiw no abo. 21 Na nea epuei no yɛ hu pii nti, Mose kae sɛ: Misuro, na me ho popo! 22 Na mmom, moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam, 23 ne mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua, ne nnipa nyinaa ɔtemmufo, Onyankopɔn, ne atreneefo a wɔayɛ pɛ ahonhom, 24 ne Apam foforo ntamgyinafo Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yiye sen Habel de ho. 25 Monhwɛ na moampo nea ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo nea ɔkasae asase so no amfi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdan fi nea ofi soro kasa no ho a, yebeguan? 26 Ɔno na ɛbere no mu ne nne wosow asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwosow prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso. 27 Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nneɛma a wɔwosow no nsakrae, sɛ ɛyɛ ade a wɔayɛ, na nneɛma a ɛnwosow no atena hɔ. 28 Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu. 29 Efisɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana