Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 10 - KYERƐW KRONKRON


Kristo bɔɔ afɔre prɛko maa nnipa nyinaa

1 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛso na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

2 na sɛ asɔrefo a wɔatew wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa?

3 Na mmom bɔne ho nkae wɔ mu daa afirihyia,

4 efisɛ anantwinini ne mmerekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.

5 Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.

6 Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani.

7 Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.

8 Kan no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne nea wɔnam mmara so de ma).

9 Ɛno na ɔkae sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ nea wopɛ; oyi nea edi kan, na ɔde nea ɛto so abien no asi hɔ.

10 Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.

11 Na ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne mfi hɔ da.

12 Na ɔno de, onya bɔɔ bɔne ho afɔre biako no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.

13 Na nea aka ne sɛ ɔtwɛn kodu sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso.

14 Na ɔde afɔre koro a ɔbɔe no ayɛ wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ.

15 Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanse. Efisɛ ɔkae kan sɛ:

16 Eyi ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem,

17 Ɔka toa so sɛ: Na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio.

18 Na nea eyinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.


Onyankopɔn anim kɔ kwan

19 Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron hɔ,

20 esiane ɔkwan a wɔasiesie yɛn, ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,

21 ne sɛ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti,

22 momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.

23 Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no,

24 na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.

25 Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.


Ɔwae yɛ ade a ɛyɛ hu

26 Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio,

27 na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa.

28 Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu.

29 Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no?

30 Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn.

31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.

32 Na monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.

33 Ebi ne sɛ monam ahohora ne ahohia so yɛɛ aguasode, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfo.

34 Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.

35 Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene.

36 Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.

37 Na aka kakraa bi na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.

38 Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.

39 Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan