Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hagai 2 - KYERƐW KRONKRON


Asɔrefi no daakye anuonyam

1 Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu biako no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ:

2 Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no, ne ɔman no nkae no sɛ:

3 Mo mu hena na aka a ohuu ɔdan yi kan anuonyam no? Na muhu no dɛn afei? So ɛnte sɛ ade a ɛnyɛ hwee, mo ani so?

4 Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni.

5 Ɛnam Apam a me ne mo pamee bere a mufii Misraim bae no ne me honhom a ɛte mo mu no nti, munnsuro.

6 Na sɛ asafo Awurade se ni: Bio: Aka kakraa bi na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee,

7 na mɛsosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de wɔn agyapade bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade na ose.

8 Me na sika ne dwetɛ wɔ me, asafo Awurade asɛm ni.

9 Ɔso na ɔdan yi anuonyam bɛso, akyiri de no bɛsen kan de no, asafo Awurade na ose, na ɛha na mɛma asomdwoe, asafo Awurade asɛm ni.


Nhyira a ɛbata asɔrefi no ho

10 Ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien no mu, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ:

11 Sɛ asafo Awurade se ni: Bisa asɔfo no kasakyerɛ sɛ:

12 Hwɛ, obi kura nam kronkron n’atade mmuano so, na ɔde mmuano no kɔka abodoo ne aduan a wɔanoa ne nsa ne ngo ne aduan biara a, so ɛbɛyɛ kronkron anaa? Na asɔfo no bua kae sɛ: Dabi.

13 Na Hagai bisaa sɛ: Nea funu nti ne ho akum kɔka eyinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfo no bua kaa se: Yiw ɛho akum.

14 Ɛnna Hagai bua kae sɛ: Saa na nkurɔfo yi te, na saa na ɔman yi te wɔ m’anim, Awurade asɛm ni, na saa na wɔn nsa ano adwuma nyinaa ne nea wɔde brɛ me hɔ no te: Ɛho akum.

15 Na afei monhwɛ nea efi nnɛ rekɔ yi, ɛbɛba. Wonnya mfaa ɔbo ntoo ɔbo so Awurade asɔrefi no,

16 ewiee mo dɛn? Obi ba awikuw susuw ade aduonu ho a, na ɛyɛ du; obi ba nsa-kyi-amoa ho bɛsaw nhina aduonum a, na ɛyɛ aduonu;

17 mede ɔhow ne ɔpo ne amparuwbo mebɔɔ mo, mo nsa ano adwuma nyinaa, nanso moannan amma me nkyɛn, Awurade asɛm ni.

18-19 Ao, munsusuw ho, Ao, munsusuw bere a abɛsen kɔ no ho. Na aba bi da so wɔ ɔsan so?. Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua sow anaa?. Afei monhwɛ mfi nnɛ da yi rekɔ, mumfi bosome a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan a ɛne da a wɔhyɛɛ Awurade Asɔrefi no ase no nhwɛ ɛ. Ɛda yi na mefi ase ahyira mo.


Wɔma Serubabel so

20 Na Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so, ɔsram no da a ɛto so aduonu anan mu sɛ:

21 Ka kyerɛ Yuda amrado Serubabel sɛ: Merebɛwosow ɔsoro ne asase,

22 na mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutefo, na apɔnkɔ ne wɔn sotefo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano.

23 Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mɛfa wo, Sealtiel ba Serubabel, m’akoa, Awurade asɛm ni, na mede wo mayɛ sɛ nsɔanode; na wo na mafa wo mayɛ me de, asafo Awurade asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan