Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hagai 1 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE Asɔrefi no si

1 Ɔhene Dario afe a ɛto so abien no ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan no, Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so baa Yuda amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:

2 Sɛ asafo Awurade se ni: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnyɛ bere a wɔde besi Awurade fi no ni.

3 Na Awurade asɛm nam odiyifo Hagai so bae sɛ:

4 So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi yi de, ɛnna hɔ ntuw?

5 Na afei sɛ asafo Awurade se ni: Monhwɛ sɛnea nneɛma si rekɔ wɔ mo abrabɔ mu no yiye.

6 Mudua pii, na ketewaa bi na efi mu ba; mudidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mufurafura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew, na ɔpaani apaade gu fotow a wɔafiti ɛto mu.

7 Sɛ asafo Awurade se ni: Afei monhwɛ mo akwan yiye,

8 na momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, Awurade na ose.

9 Mohwɛɛ ade pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewaa; na mode baa ofie, na mihuw petee. Adɛn nti? Asafo Awurade asɛm ni; me fi a ɛda ntuw nti a, na mo de, moasiesie mo afi mu.

10 Ne saa nti na ɔsoro akame obosu, na asase akame ne nnɔbae,

11 na mefrɛɛ ɔyow mebaa asase ne mmepɔw so, ne awi ne nsamono so, ne ngo ne ade a asase de ba so, ne nnipa so ne afieboa so, ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.

12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim.

13 Ɛnna Hagai, Awurade bɔfo no, bɔɔ Awurade kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Midi mo akyi, Awurade asɛm ni.

14 Na Awurade nyan Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin no honhom, ne ɔman no nkae nyinaa ahonhom, na wɔbae bɛyɛɛ adwuma, asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn fi,

15 ɔsram a ɛto so asia no, da a ɛto so aduonu anan no so, ɔhene Dario afe a ɛto so abien no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan