Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Habakuk 2 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE ma Habakuk mmuae

1 Megyina m’ahwɛe na mede me ho besi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me, ne nea mede bebua no me nkurobɔ ho.

2 Na AWURADE buaa me sɛ: Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so.

3 Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba na ɛyɛ nokware, sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.

4 Hwɛ, ahantanfo. Wɔn kra nteɛ wɔ wɔn mu, na ɔtreneeni de, ne gyidi mu na obenya nkwa.


Nkonimdifo no nnue!

5 Na afei nso, Kaldeafo te sɛ asabofo, na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfo a wɔn ho nnwo da. Wɔatrɛw wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ asaman, na wɔte sɛ owu a ɔmmee na wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn, na wɔfom aman nyinaa fa.

6 Hwɛ bere bi reba a wɔn nnommumfafo bɛserew wɔn na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Nea ɔfow nneɛma bebree fa no w’apoobɔ yi bɛkɔ so akosi da bɛn?

7 So ɛnyɛ mpofirim na wɔn a wɔde wo ka no bɛsɔre, na wɔabɛhwanyan mo na moadan wɔn asade?

8 Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, na woahyɛ nkurow ne emufo so, na woahwie nnipa mogya agu nti, wo nso aman bɛfow wo afa.

9 Onnue, nea onya mfaso bɔne ma ne fi, na ɔde ne berebuw besi sorɔnsorɔmmea sɛ wayi ne ho afi mmusu nsam no.

10 Woatu agyina bɔne anya aniwu ama wo fi, sɛ woatwitwa aman pii agu na woayɛ wo kra bɔne.

11 Ɔbo fi ɔfasu mu bɛteɛm, na mpuran afi nnua mu agye so.

12 Onnue, nea ɔkyekye kurow mogya mu, na ɔto aban abusude mu.

13 Hwɛ, so emfi asafo AWURADE nkyɛn sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya, na nkurɔfo brɛ ma adehunu?

14 Na afei AWURADE anuonyam ho nimdeɛ, bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so.

15 Due, wo a woma wo yɔnko biribi nom wɔ adwene bɔne kwan so na woma ɔbow na woahwɛ n’adagyaw mu.

16 Ahohora amee wo asen anuonyam, wo nso nom, na wo momonoto nna adi. AWURADE nifa mu kuruwa bɛdan aba wo so, na ɔfe ne ahohora begu w’anuonyam so.

17 Na wo Babel, asɛmmɔne a wodii no Lebanon; mmoa sɛe a ɛbɔɔ wɔn piriw, nnipa mogya a woka guu asase so, ne kurow ne emufo nhyɛso no nyinaa bɛba w’atifi.

18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, ɛho mfaso ne dɛn? Ɛyɛ oguhoni ne atoro kyerɛkyerɛfo; efisɛ odwumfo yɛ ahoni mum a ɔde ne ho to n’ankasa n’adwinni a odi no so.

19 Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan! Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre! So ebetumi akyerɛ biribi? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na honhom biara nni mu.

20 Na AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu; ma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan