Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifo 6 - KYERƐW KRONKRON


Ɛsɛ sɛ wɔda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn a wɔahwe ase

1 Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.

2 Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.

3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ bere ko a ɔnyɛ obiara a, ɔdaadaa ne ho.

4 Na ma obiara nsɔ ɔno ara adwuma nhwɛ, ɛno na obenya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.

5 Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.

6 Ma nea wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne nea ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.


Asetena mu aba

7 Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.

8 Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.

9 Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.

10 Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.


Awiei

11 Monhwɛ nkyerɛwee akɛse a mede me ara me nsa makyerɛw merebrɛ mo yi.

12 Dodow a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ muntwa twetia.

13 Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ mutwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu.

14 Na me de, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua ama wiase.

15 Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔde foforo.

16 Na dodow a wɔnam saa kwan yi so no, asomdwoe ne mmɔborohunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.

17 Na efi nnɛ, mommma obiara nnhaw me; na meso Awurade Yesu nkamaa wɔ me nipadua mu.


Nkradi

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan