Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifo 3 - KYERƐW KRONKRON


Galatifo suahu

1 O, Galatifo a moyɛ adwenharefo! Hena na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee pa ara ni?

2 Eyi nko ara na mepɛ sɛ mete fi mo anom: Monam mmara nnwuma so na munyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidi (asɛmpa) a motee no so?

3 Saa na moyɛ adwenhare? Mode honhom afi ase, afei adɛn na morewie wɔ ɔhonam mu yi?

4 Muhuu saa amane pii yi kwa; sɛ ɛyɛ ɔkwa de a,

5 ɛnne nea ɔde Honhom no ma mo na ɔda ne tumi adi mo mu no, ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidi (asɛmpa) a motee no so?

6 Na sɛnea Abraham gyee Onyankopɔn dii na wobuu no trenee maa no no,

7 saa ara nso na munhu sɛ wɔn a wofi gyidi mu no, wɔn ara ne Abraham mma.

8 Na kyerɛw no dii kan hui sɛ Onyankopɔn fi gyidi mu na obebu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.

9 Ɛnne na wɔn a wofi gyidi mu no, wohyira wɔne gyidini Abraham bom.

10 Na dodow a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma mu no hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ntena nea wɔakyerɛw no mmara nhoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.

11 Na ɛda hɔ pefee sɛ, mmara mu de, obiara nteɛ Onyankopɔn anim, efisɛ gyidi mu na ɔtreneeni benya nkwa.

12 Ɛwom sɛ mmara mfi gyidi mu de, nanso nea odi so no benya mu nkwa.

13 Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,

14 na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidi so anya Honhom bɔhyɛ no.


Mmara rentumi mma Onyankopɔn bɔhyɛ nyɛ ɔkwa

15 Anuanom, mede nea yehu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samansew a wɔde nsa ahyɛ ase mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho.

16 Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: Na w’aseni, a ɔne Kristo.

17 Na eyi na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfe ahanan aduasa akyi ɛbae no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa.

18 Na sɛ apɛgyade no fi mmara mu a, ɛnne na emfi bɔhyɛ mu bio; na Abraham de, bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.


Mmara ho mfaso

19 Na afei, mmara no ne dɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho de kosii sɛ asenni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe wɔ ntamgyinafo bi nsam.

20 Na ntamgyinafo de, ɔnyɛ obiako dea; na Onyankopɔn de, ɔyɛ obiako.

21 Ɛnne na mmara tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabida. Sɛ wɔmaa mmara bi a ebetumi ama nkwa de a, anka trenee fi mmara mu ampa.

22 Nanso kyerɛw no aka nneɛma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afi Yesu Kristo ho gyidi mu ama wɔn a wogye di.


Mmara bɔ kwan ma agyenkwa

23 Na gyidi nnya mmae no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛn yɛn maa gyidi a wɔrebeyi akyerɛ no.

24 Enti, na mmara no ayɛ yɛn hwɛfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafi gyidi mu abu yɛn bem.

25 Afei gyidi aba yi, yenhyɛ ɔhwɛfo no ase bio.

26 Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,

27 efisɛ, mo mu dodow a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.

28 Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.

29 Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnne na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan