Galatifo 2 - KYERƐW KRONKRONWogye Paulo frɛ to mu Yerusalem 1 Ɛnna ɛno akyi mfe dunan, me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho. 2 Na menam adiyi so na mekɔe, na mede asɛmpa a meka amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no nso anim kokoam), na ammirika a metu anaasɛ mitui no anyɛ ɔkwa. 3 Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia. 4 Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu. 5 Wɔn de, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwerew biako mpo, na asɛmpa no nokware no akɔ so atena mo mu. 6 Na wɔn a wobu sɛ wɔwɔ din no, (nea wɔte biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me de, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho, 7 na mmom wohui sɛ wɔde momonotofo mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛnea wɔde twetiafo mu de ama Petro no; 8 (na nea ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafo mu somafosom mu no nam me nso so yɛ ade amanaman mufo mu). 9 Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu, 10 gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ. Paulo ka Petro anim 11 Na Kefa baa Antiokia no, migyinaa n’anim kasa tiaa no efisɛ na wadi mfomso bi. 12 Ɛne sɛ nnipa bi a wofi Yakobo nkyɛn no nnya mmae no, na ɔne amanaman mufo didi; na wɔbae no, ɔtwee ne ho tew ne ho fii wɔn ho, efisɛ na osuro wɔn a wofi twetiatwafo mu no. 13 Na Yudafo a aka no ne no diinkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔe bi. 14 Na mihui sɛ wɔnnantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani bɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufo sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafo? 15 Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo. 16 Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem. 17 Na yɛn a yɛrehwehwɛ sɛ wobu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wohu yɛn ankasa nso sɛ nnebɔneyɛfo a, ɛnne na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabida. 18 Na sɛ meto nea madwiriw magu no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni. 19 Na me de, menam mmara so mewu memaa mmara, na matena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnuam; 20 na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu. 21 Mempo Onyankopɔn adom no; efisɛ sɛ trenee nam mmara so na ɛba a, ɛnne na Kristo awu kwa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana