Filipifo 4 - KYERƐW KRONKRONEuodia ne Sintike 1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo. 2 Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu. 3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no. Anigye, ahopakyi, odwo ne mpaebɔ 4 Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye! 5 Momma nnipa nyinaa nhu mo abodwokyɛre! Awurade abɛn. 6 Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; 7 na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu. Adwempa ne asetena pa 8 Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen; 9 nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn ne mo bɛtena. Aseda 10 Nso m’ani gye kɛse wɔ Awurade mu, sɛ moafi ase redwen me ho bio; modwen me ho de, nanso moannya ho kwan. 11 Ɛnyɛ sɛ ohia nti na meka eyi; efisɛ me de, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔso ma me. 12 Minim ahokyere, na minim ahonya nso. Biribiara ne nneɛma nyinaa akokwaw me, ɔmee ne ɔkɔm ne akonkɔnsɛm ne hiadi; 13 mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu. 14 Nanso moyɛɛ no yiye sɛ moboaa me m’ahohia no mu. 15 Na mo Filipifo nso munim sɛ asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaabu ho, sɛ mo nko ara. 16 Na Tesalonika nso mosomae prɛko ne ne mprenu so de nea ehia me brɛɛ me. 17 Ɛnyɛ sɛ mehwehwɛ akyɛde, na mmom mehwehwɛ aba a ɛma mo akontaa dɔɔso. 18 Na manya ade nyinaa ama aboro so. Na efii sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ohua a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani. 19 Na me Nyankopɔn bɛma mo nea ehia mo nyinaa, sɛnea n’ahonya no te, anuonyam mu, Kristo Yesu mu. 20 Yɛn agya Onyankopɔn na wɔmfa anuonyam mma no daa daa. Amen. Nkradi 21 Munkyiakyia ahotefo no nyinaa mmiako mmiako Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔka me ho no kyiakyia mo. 22 Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi. 23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana