Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Filipifo 3 - KYERƐW KRONKRON


Aniani ha dibea yɛ ɔkwa

1 Afei nea edi akyi, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ mekyerɛw mo ade koro no ara a, ɛnyɛ ade a ɛhaw me, na mmom, ɛma mutim.

2 Monhwɛ yiye akraman no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye wɔ twetiatwafo no ho!

3 Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.

4 Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ ɔhonam mu biribi a mede me ho mɛto so. Sɛ ɔfoforo bi susuw sɛ ɔwɔ ɔhonam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bi.

5 Hwɛ, wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe, mifi Israel asefo mu, Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrifo mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,

6 mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu trenee fam, wɔannya me ho asɛm.


Paulo hwɛ wɔne Kristo biakoyɛ

7 Nanso nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere.

8 Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,

9 na wɔahu me ne mu sɛ minni me ara me trenee a efi mmara mu, na mmom nea ɛnam Kristo ho gyidi so ba, trenee a efi Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidi so.

10 Na anka mahu no yiye, ne ne wusɔre tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wu no,

11 sɛ ebia mɛto awufo mu sɔre no.


Paulo nkonim

12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nso nsa aka me no.

13 Anuanom, me de, minsusuw sɛ me nsa anya aka biribi; nanso ade biako pɛ na meyɛ: Mema me werɛ fi nea atwam no, na metwe me mu mepɛ nea ɛwɔ anim no.

14 Mepem kɔ m'anim sɛ medu botae no ho, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.

15 Enti momma yɛn mu dodow a yɛyɛ pɛ no nnwen sa; na sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, ɛno nso Onyankopɔn beyi adi akyerɛ mo.

16 Nanso nea yɛanya dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.


Asɛnnua no atamfo

17 Anuanom, munsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛnea mowɔ yɛn sɛ nhwɛso no.

18 Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nnantew ho asɛm kyerɛ mo, na seisei nso mede nusu mereka bio sɛ: Wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfo;

19 wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.

20 Na yɛn de, yɛn man a yefi mu ankasa ne ɔsoro. Efi hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo

21 a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua sɛnea n'ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase ahyɛ n'ase no te.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan