Filipifo 2 - KYERƐW KRONKRONOnuadɔ 1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a, 2 momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro. 3 Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ara mo ho. 4 Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi. Yesu ahobrɛase ne n’ahopakyi 5 Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi. 6 Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ, 7 na mmom ɔpaa ne ho akyi faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, 8 ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, yiw, asɛnnua ho wu mu po. 9 Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, 10 sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotow, nea ɛwɔ ɔsoro, nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase. 11 Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam. Nkwagye ho mmɔdemmɔ 12 Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie; 13 na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani. Ɔpene, asomdwoe, ahotew ne anigye 14 Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegye nyɛ ade nyinaa, 15 na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase, 16 sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa. 17 Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidi ne som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurusi. 18 Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnye, na mo ne me nni ahurusi. Wɔsoma Timoteo kɔ Filipi 19 Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ama waba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me. 20 Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no; 21 efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de. 22 Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam. 23 Ɔno na m’ani da no so sɛ minya mihu sɛnea m’asɛm bewie ara pɛ a, mɛsoma no. 24 Na mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba. Epafrodito 25 Nanso masusuw ho sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfo ne yɔnko sraani ne mo somafo ne me dɛɛfo, ma ɔba mo nkyɛn; 26 efisɛ n’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare. 27 Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyare de, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko, na me nso bi, na m'awerɛhow annɔɔso. 28 Ɛno nti na mabɔ mmɔden asoma no, na sɛ muhu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhow so ahuan. 29 Enti momfa anigye nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, munkura wɔn nidi mu! 30 Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nneɛma nyinaa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana