Filemon 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, 2 ne onuabea Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fi: 3 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Aseda 4 Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, 5 efisɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefo nyinaa ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka. 6 Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse. 7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam. Onesimo 8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi, 9 nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso. 10 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo 11 (a kan no, ne ho nni mfaso mma wo, na afei oye ma wo ne me). 12 Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma. 13 Anka mepɛe sɛ mesan no ma ɔtena me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, wɔ asɛmpa nkyehama no mu, 14 nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu. 15 Na ebia eyi nti na ɔne wo tetew mu kakra, sɛ wubenya no daa, 16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam. 17 Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara. 18 Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me. 19 Me Paulo na mede m’ankasa nsa mekyerɛw sɛ: Metua ka biara a ɔde wo, anka mempɛ sɛ, mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka. 20 Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu. 21 Mewɔ awerɛhyɛm wɔ wo setie ho nti na mekyerɛw wo nhoma yi, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi mpo. 22 Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo. Nkradi 23 Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu, 24 Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfo, kyiakyia wo. 25 Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana