Ester 8 - KYERƐW KRONKRONWɔma Mordekai so 1 Da no ara na ɔhene Ahas-weros de Haman, Yudafo tamfo no, fi maa ɔhemmea Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, efisɛ Ester aka sɛnea ɔne no ntam te no. 2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ogyee Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fi so. 3 Na Ester kasae bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na osui kotow srɛɛ no sɛ onyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafo no ho no. 4 Na ɔhene teɛɛ sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim, 5 na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no teɛ ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔnkyerɛw nkotwa nhoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔkyerɛwee sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa so no mu, 6 na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfo no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfo sɛe? 7 Ɛnna ɔhene Ahas-weros ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fi mama Ester, na ɔno nso wɔasɛn no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafo no nti. 8 Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan. Ɔhene no gye Yudafo nkwa 9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te. 10 Na ɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene pɛtea sɔw ano, na ɔde nhoma no somasomaa ammirikatufo a wɔtete apɔnkɔ so ne mfurumpɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mma so. 11 Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade, 12 da koro, ɔhene Ahas-weros nsase no nyinaa so, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa. 13 Nkyerɛwee no nsusuwso a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa so no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafo no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wonni wɔn atamfo were. 14 Ammirikatufo a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no so no nam ɔhene asɛm so fi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susan aban mu. 15 Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei. 16 Na Yudafo no nyaa nkɔso, anigye, ahosɛpɛw ne nidi. 17 Na asase biara asase ne kurow biara kurow a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu so no, anigye ne ahosɛpɛw baa hɔ maa Yudafo no, apontow ne dapadi. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo, efisɛ na Yudafo no ho hu aka wɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana