Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ester 7 - KYERƐW KRONKRON


Wɔsɛn Haman

1 Na ɔhene ne Haman bae sɛ wɔne ɔhemmea Ester rebɛnom nsa.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛto so abien no mu nso, apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ, ɔhemmea Ester, na wɔmma wo, na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.

3 Ɛnna ɔhemmea Ester buae sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’ade a meresrɛ, ne me nkurɔfo sɛ m’ade a merehwehwɛ,

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.

5 Ɛnna ɔhene Ahas-weros bua see ɔhemmea Ester sɛ: Hena ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?

6 Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuw no mu fii apontow no ase kɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔre gyinae sɛ ɔrepa ɔhemmea Ester ne nkwa ho kyɛw, efisɛ wahu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

8 Na ɔhene no san fii ahemfi turo no mu baa apontow no ase, na Haman ahwe nnae a Ester wɔ so no so. Na ɔhene kae sɛ: So ɔrebɛhyɛ ɔhemmea po ne no ada wɔ m’anim, wɔ me ara me fi ha nso? Asɛm no fii ɔhene anom ara pɛ, na wɔkataa Haman ti.

9 Na Harbona, mpiafo no mu biako, kae ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fi, ne tenten si basafa aduonum anum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛn no wɔ so.

10 Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan