Ester 6 - KYERƐW KRONKRONƆhene hyɛ Mordekai anuonyam 1 Anadwo no, ɔhene anna, na ɔkae sɛ wɔmfa beresosɛm nkae nhoma no mmra; na wɔbɛkenkanee ɔhene anim. 2 Na wohui sɛ wɔakyerɛw sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wɔhwɛ ɔpon ano a wɔpɛe sɛ wokum ɔhene Ahas-weros no ho asɛm no. 3 Ɛnna ɔhene no kae sɛ: Anuonyam bɛn na wɔahyɛ Mordekai na dibea bɛn na wɔama no eyi ho? Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kae sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ. 4 Na ɔhene kae sɛ: Hena na ɔwɔ abangua no so? Nso na Haman aba ɔhene fi akyiri abangua no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛn Mordekai, dua a wasi ama no no so. 5 Ɛnna ɔhene asomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Haman gyina abangua no so. Na ɔhene no se: Ɔmmra! 6 Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no? Na Haman see ne koma mu sɛ: Hena bio mpo na ɔhene pɛ sɛ odi no ni sen me ara? 7 Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Onipa a ɔhene pɛ no nidi no, 8 ma wɔmfa ahenni atade a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena so a wɔde ahenni abotiri bɔ ne ti no, 9 na wɔmfa atade no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛse no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no, na wɔmma ɔntena ɔpɔnkɔ no so mfa kurow no abɔnten so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no! 10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atade ne ɔpɔnkɔ no, sɛnea woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛse mu no; nnyaw nea woaka no nyinaa mu biara. 11 Na Haman faa atade no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kurow no abɔnten no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no. 12 Na Mordekai san baa ɔhene ponkɛse no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodi kɔɔ ne fi, wɔ animguase mu. 13 Na Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa; na n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafi ase rehwe ase n’anim yi fi Yudafo asefo mu a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim. 14 Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafo no bae bɛfaa Haman ɔhareso de no kɔɔ ɔpon a Ester atow no ase. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana