Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ester 5 - KYERƐW KRONKRON


Ester kɔ ɔhene anim

1 Na da a ɛto so abiɛsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmea atade, na okogyinaa ahemfi emu fam abangua so, ɔhene dan no ntentenso. Na ɔhene no te n’ahengua so ahemfi, ofi no pon ano ntentenso.

2 Na ɛbae sɛ ɔhene no huu ɔhemmea Ester sɛ ogyina abangua so no, onyaa n’anim anuonyam, na ɔhene no teɛɛ sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twiw bɛnee, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.

3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.

4 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɔpon a meretow no no ho nnɛ.

5 Na ɔhene no kae sɛ: Monyɛ ntɛm mma Haman mmra, na wɔnyɛ nea Ester aka no. Na ɔhene no ne Haman baa ɔpon a Ester atow no ase.

6 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.

7 Na Ester buae sɛ: Nea mesrɛ na merehwehwɛ ne sɛ,

8 sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma ade a meresrɛ na wayɛ nea merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɔpon a merebɛtow wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛ ɔhene aka no.


Haman pɛ sɛ okum Mordekai

9 Ɛnna da no Haman de anigye ne koma pa fii adi, na Haman huu Mordekai ɔhene ponkɛse no mu sɛ wansɔre nanso wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuw Mordekai sɛ.

10 Nanso Haman siw ne ho so, na osiim kɔɔ ne fi. Na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ n’adɔfo ne ne yere Seres bae.

11 Na Haman kaa wɔn n’ahonya anuonyam ne ne mma dodow ne kɛse a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛnea wama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

12 na Haman kae sɛ: Nso ɔhemmea Ester amma obiara ne ɔhene amma ɔpon a ɔtowee no ase gye me nko ara, na ɔkyena nso wɔahyia me ne ɔhene rekɔ ne nkyɛn.

13 Nanso eyi nyinaa nnɔɔ me so, bere a mihu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛse mu yi.

14 Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tenten si basafa aduonum anum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛn Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ ɔpon no ho anigye mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔma wɔyɛɛ dua no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan