Ester 3 - KYERƐW KRONKRONHaman pam Yudafo tiri so 1 Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de. 2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛse mu nyinaa kotow sɔree Haman, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai de, wankotow na wansɔre no. 3 Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛse mu no ka kyerɛɛ Mordekai sɛ: Ɛdɛn nti na wo de, woto ɔhene mmara no? 4 Na wɔka kyerɛɛ no saa daa, na ontie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no begyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani. 5 Na Haman hui sɛ Mordekai nkotow nsɔre no no, abufuw hyɛɛ Haman ma. 6 Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, efisɛ na wɔakyerɛ no nea Mordekai fi, na Haman hwehwɛe sɛ okunkum Yudafo a wɔwɔ Akas-weros ahenni nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfo no nyinaa. 7 Ɔsram a edi kan a ɛne ɔsram Nisan a ɛte sɛ Oforisuo no so, ɔhene Akas-weros afe a ɛto so dumien mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na efi ɔsram no so ara kosii ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar. 8 Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan. 9 Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnkyerɛw sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛse ɔpedu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akorade mu. 10 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea fii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafo tamfo no. 11 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛnea wopɛ. 12 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano. 13 Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma. 14 Nkyerɛwee no nsusuwso a wɔde kɔhyɛɛ mmara, nsase no nyinaa so no, hyɛ amanaman no nyinaa, sɛ wonsiesie wɔn ho nsie da no. 15 Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana