Ester 2 - KYERƐW KRONKRONWɔsi Ester ɔhemmea 1 Nsɛm yi akyi a ɔhene Ahas-weros abufuw no ano dwoe no, ɔkaee Wasti ne nea ɔyɛe ne nea wɔahyɛ atia no no. 2 Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kae sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene, 3 na ɔhene nsisi ahwɛfo n’ahenni nsase nyinaa so, na wonhyiahyia mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susan aban mu, mmea fi, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmea so no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku. 4 Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ sa. 5 Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba 6 a wotuu no fii Yerusalem ne nnommum a wotuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no mu biako. 7 Na ɔno na ɔtetew n’agya ne nua ba Hadasa a ɔne Ester, efisɛ na onni agya ne ɛna; na ababaa no nipadua yɛ fɛ, na n’anim nso tew. Na n’agya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba. 8 Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wohyiahyiaa mmabaa pii baa Susan ahenkurow a ɛhyɛ Hegai ase no mu, na wɔde Ester nso baa ɔhene fi de no bɛhyɛɛ mmea no hwɛfo Hegai nsa. 9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na onyaa n’anim anuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuan maa no, na ɔde mmabaa baasɔn a wɔyii wɔn fii ɔhene fi maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye wɔ mmea no fi. 10 Nso na Ester nnya nkyerɛɛ ne man ne n’abusua ɛ, efisɛ Mordekai ahyɛ no sɛ ɔnnkyerɛ. 11 Na da biara Mordekai kɔpase mmea fi no abangua no anim, na wahu sɛ Ester te yiye ne nea wɔde no bɛyɛ. 12 Na edu mmabaa no biara so a, ɔkɔ ɔhene Ahas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛ mmea no ahosiesie mmara te, kosii sɛ asram dumien dui ansa. Na sɛnea wɔn sra nna dodow te no, wɔde kurobow bɔɔ no asram asia, na wɔde nnuhuam ne mmea nku sraa no asram asia nso. 13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ no sɛ ɔde fi mmea fi hɔ akɔ ɔhene fi no, wɔde ma no. 14 Anadwofa na ɔkɔ, na anɔpa na ɔsan kɔ mmea fi a ɛto so abien, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafo so ase no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no. 15 Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam. 16 Na wɔde Ester kɔɔ ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfi, ɔsram a ɛto so du a ɛne ɔsram Tebet [a ɛte sɛ Ɔpɛpɔn] no so, n’ahenni afe a ɛto so ason no mu. 17 Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu. 18 Ɛnna ɔhene no tow pon kɛse maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Eyi ne Ester apontow. Na ɔde amantam no tow kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ ade sɛnea ɛfata ɔhene. Mordekai yi atirisopam bi adi 19 Na wohyiahyiaa mmabaa no ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu. 20 Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛnea Mordekai hyɛɛ no no; efisɛ Ester di Mordekai asɛm so sɛ bere a ɔhwɛ no so no. 21 Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wofi wɔn a wɔwɛn ɔpon ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛe sɛ anka wokum ɔhene Akas-weros. 22 Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ ɔhemmea Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene. 23 Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wohui, na wɔsensɛn wɔn baanu no dua so. Na wɔkyerɛw hyɛɛ Berɛsosɛm Nhoma no mu ɔhene anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana