Ester 10 - KYERƐW KRONKRONƆhene Ahas-weros ne Mordekai kɛseyɛ 1 Na ɔhene Ahas-weros de towyi too asase no, ne mpoaano aman no so. 2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛe ne Mordekai kɛse a ɔhene no maa no yɛe no ho asɛm no, wɔankyerɛw Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nhoma no mu? 3 Na Yudani Mordekai no ne nea odi Ɔhene Ahas-weros akyi wɔ tumi mu. Yudafo no mu nso ɔyɛ onipa kɛse, na ne nuanom dodow no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ ne man no yiyedi, na ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ n’asefo nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana