Ester 1 - KYERƐW KRONKRONWɔtu Ɔhemmea Wasti ade so 1 Na Ahas-weros bere so, Ahas-weros a odii hene fi India de kosii Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so no. 2 Saa bere no na, ɔhene Ahas-weros te n’ahengua a ɛwɔ Susan abankɛse no mu no so, 3 n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim. 4 Ɛno mu na oyii n’ahenni anuonyam dodow ne ne kɛseyɛ haran ne ne fɛ no kyerɛe nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe. 5 Na nna yi wiee du no, ɔhene no tow nkurɔfo a wɔwɔ Susan abankɛse no mu nyinaa pon fi ɔkɛse so koduu akumaa so nnansɔn, ahemfi turo no abangua so, 6 nwera ne bibitama sensɛn hɔ, wɔde nhama fufu ne nea ɛberedum asuso mu akyekyere dwetɛ nkaa wɔ mu, abofufu adum ho; sika ne dwetɛ nnae wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobiri ne dame nsɛwee so. 7 Na wɔhyehyɛɛ nsa, sika nkuruwa mu, na nkuruwa no nso gu ahorow, na ɔhene nsa no dɔɔso, sɛnea ɛwɔ ɔhene no nsam. 8 Na nsa no nom nso wɔyɛɛ no sɛnea mmara no te; wɔnnhyɛ obiara; na saa na na ɔhene no ahyɛ ne fi so mpanyin nyinaa, sɛ onipa biara nipa nyɛ sɛnea ɔpɛ. 9 Ɔhemmea Wasti nso tow mmea pon ɔhene Ahas-weros ahemfi. 10 Da a ɛto so ason a nsa ama ɔhene no ani agye no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta ne Abagta, Setar ne Karkas, mpiafo baasɔn no a wɔsom ɔhene Ahas-weros anim no, 11 sɛ wɔnkɔfa ɔhemmea Wasti mmra ɔhene anim, ahenni abotiri no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhu n’ahoɔfɛ, efisɛ ne ho yɛ fɛ. 12 Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu. 13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanyimfo a wonim mmara no, (efisɛ saa na ɔhene asɛm ba wɔn a wonim mmara ne asɛnni no anim, 14 na wɔn a wɔbɛn no ne: Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baasɔn a wohuu ɔhene anim ne ahenni no mu atitiriw no), 15 sɛ: Dɛn na mmara no ka sɛ wɔmfa nyɛ ɔhemmea Wasti, sɛ wanni ɔhene Ahas-weros asɛm a mpiafo no kɔka kyerɛɛ no so no? 16 Na Memukan kae ɔhene ne mmapɔmma no anim sɛ: Ɛnyɛ ɔhene nko ara na ɔhemmea Wasti afom no, na wafom mmapɔmma nyinaa ne amanaman a wɔwɔ ɔhene Ahas-weros nsase nyinaa so no nso. 17 Na wɔbɛka ɔhemmea no asɛm no akyerɛ mmea nyinaa, na wobebu wɔn kununom animtiaa aka sɛ: Ɔhene Akas-weros kae sɛ wɔmma ɔhemmea Wasti mmra n’anim, na wamma. 18 Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmea adehye a wɔate ɔhemmea no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiaabu ne abohuru bɛdɔɔso. 19 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfi ne hɔ, na wɔnkyerɛw no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannan ani sɛ: Wasti mmma ɔhene Ahas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadi no mma ne yɔnko a oye sen no. 20 Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebedi yi n’ahenni nyinaa mu, na ɛso, na ɔyerenom nyinaa ani asosɔ wɔn kununom, efi ɔkɛse so kosi akumaa so. 21 Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛe sɛ, Memukan kae no. 22 Na ɔsoma ma wɔde nhoma kokɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara so sɛ ne kasa te: Sɛ ɔbarima biara nni ne fi so panyin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana