Esra 9 - KYERƐW KRONKRONAfrafra aware. Esra ahonu mpaebɔ 1 Na wowiee eyinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfo ne Lewifo no ntew wɔn ho mfii nsaase so aman sɛ Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo akyide ho ɛ, 2 efisɛ wɔafofa wɔn mmabea mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na asefo kronkron no de wɔn ho akɔfra nsaase so aman no; na mmapɔmma ne amampanyin no na edi mmarato yi mu kan. 3 Na metee asɛm yi no, misunsuanee m’atade ne me batakari mu, na mitutuu me ti nwi ne me bogyesɛ, na mede ahofɔm metenaa ase. 4 Na wɔn a Israel Nyankopɔn nsɛm no yɛɛ wɔn ahopopo, atukɔfo no mmarato nti no, nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa me nkyɛn, na me de, mede ahofɔm metenaa hɔ ara kosii anwummere afɔrebɔ bere. 5 Na anwummere afɔrebɔ mu no, mesɔre mifii m’awerɛhow no mu, nso na masunsuan m’atade ne me batakari mu, na mekotow me nankoroma anim metrɛw me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn 6 sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn, efisɛ yɛn amumɔyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodi aso akodu soro. 7 Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi, na yɛn amumɔyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ nsaase so ahemfo nsa wɔ afoa, nnommumfa ne ɔfow ne animguase mu, sɛ ɛte nnɛ yi. 8 Na afei mprempren nko na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ dom akyerɛ yɛn ma wɔagyaw yɛn nkae a wɔafi mu, na wɔama yɛn bofunnua wɔ ne kronkronbea nso, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛtew yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu. 9 Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaw yɛn ɛ, na mmom wama adɔe ato yɛn Persia ahene no anim, sɛ wɔmma yennya nkwa na yɛmma yɛn Nyankopɔn dan so nsi hɔ, na yɛnkyekye n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasu bi wɔ Yuda ne Yerusalem. 10 Na afei, dɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, eyi akyi? Sɛ yɛagyaw wo mmara nsɛm no 11 a wonam wo nkoa adiyifo no so hyɛe sɛ: Asase a morekɔ akodi so no yɛ asase a ɛho akum, nsaase so aman figu no mu, wɔ akyide a wɔde ayɛ so ma fi ano akɔpem ano, wɔn afide mu no nti. 12 Na afei mommfa mo mmabea mmma wɔn mmammarima, na munnnye wɔn mmabea mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoe ne wɔn yiyedi ara da, nea ɛbɛyɛ na moayɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agyaw mo mma ma wɔadi so akosi daa. 13 Na nea yɛn nneyɛe bɔne ne yɛn asodi kɛse nti ɛbaa yɛn so no nyinaa akyi yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woakyɛe yɛn so, woamma annu yɛn amumɔyɛ so, na woama yɛafi mu sɛ ɛte yi, 14 so yɛnsan mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyide aman yi ho aware mu anaa? So anka wo bo remfuw yɛn nkosi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfi mu anaa? 15 AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w'anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana