Esra 8 - KYERƐW KRONKRONEsra ahokafo a ɔne wɔn bae 1 Na eyinom ne wɔn agyanom atitiriw ne wɔn nkanee, wɔn a wɔne me fi Babel foro bae ɔhene Artasasta ahenni mu no: 2 Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus. 3 Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho. 4 Pahat-moab mma mu: Serahia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho. 5 Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka no ho. 6 Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho. 7 Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔsɔn ka ne ho. 8 Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho. 9 Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu ne dunwɔtwe ka ne ho. 10 Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho. 11 Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu awotwe ka ne ho. 12 Asgad mma mu: Hakatan ba Yahonan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho. 13 Na Adonikam mma a wodi akyiri no mu, wɔn din ni: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho. 14 Na Bigwai mma mu, Utai ne Sabud, na mmarima aduɔsɔn ka wɔn ho. 15 Na meboaboaa wɔn ano hyiae, asu a ɛsen kɔ Ahawa no ano, na yɛbɔɔ nsra hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfo no mu, na manhu Lewi mma mu bi hɔnom. 16 Ɛnna mesoma mekɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo, 17 na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitiriw Ido, Kasifia kurow mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kurow mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fi no mmrɛ yɛn. 18 Na yɛn Nyankopɔn nsa pa a ɛwɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefo bi a ofi Israel ba Lewi ba Mahli mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom, nnipa dunwɔtwe, 19 ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wofi Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu, 20 ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifo som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Esra ne nkurɔfo no mmuadadi ne mpaebɔ 21 Ɛnna mepaee mmuadadi wɔ Ahawa asu no so, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan trenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nneɛma nyinaa, 22 na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mebisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefo sɛ wɔmmoa yɛn, atamfo ho, ɔkwan mu, efisɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuw wɔ wɔn a wogyaw no nyinaa so. 23 Na yedii abuada hwehwɛɛ eyi yɛn Nyankopɔn nsam, na otiee yɛn. 24 Ɛnna miyii asɔfo mpanyin no mu dumien, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho. 25 Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinne no, yɛn Nyankopɔn fi soma afɔrebɔde no a ɔhene ne n’agyinatufo ne ne mmapɔmma ne Israelfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa de bae no, mede mehyɛɛ wɔn nsa, 26 na mekarii dwetɛ dwetikɛse ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa, ne dwetɛ nnwinne dwetikɛse ɔha, sika kɔkɔɔ nso dwetikɛse ɔha, 27 ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere hanahana a ɛyɛ nnwinne abien a ne bo yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ. 28 Na misee wɔn sɛ: Mo de, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nneɛma yi yɛ akronkronne, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamye ade ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, 29 monhwɛ nkora so nkosi sɛ mobɛkari, asɔfo ne Lewifo mpanyin ne Israel agyanom mmapɔmma a wɔwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fi mpia no mu. 30 Na asɔfo ne Lewifo no soaa dwetɛ ne sika ne nneɛma a wɔkarii no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fi. 31 Na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumien no so, yetu fii Ahawa asu no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na oyii yɛn fii atamfo ne wɔn a wɔtɛw ɔkwan mu no nsam. 32 Na yeduu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa. 33 Na ɛda a ɛto so anan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinne no, yɛn Nyankopɔn fi de hyɛɛ Uria ba ɔsɔfo Meremot ne Pinehas ba Eleasar a ɔka ne ho no nsa, na Lewifo Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho. 34 Wɔde ne nyinaa, sɛ ne dodow ne ne duru te, hyɛɛ wɔn nsa, na wɔkyerɛw ne duru no nyinaa bere no mu. 35 Na atukɔfo a wofi nnommum mu bae no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn no, Israel nyinaa ti: Anantwinini dumien, adwennini aduakron asia, nguanten mma aduɔsɔn asɔn, bɔne ho afɔre mpapo dumien. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE. 36 Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofo ne abirempɔn a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaw ɔman no ne Onyankopɔn fi no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana