Esra 5 - KYERƐW KRONKRONWɔsan toa so si asɔrefi no 1 Na odiyifo Hagai ne Ido ba odiyifo Sakaria hyɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn so no mu. 2 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no, na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho na wosoo wɔn mu. 3 Bere no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo baa wɔn so bebisaa wɔn se: “Hena na ɔhyɛɛ mo sɛ munsi ɔdan yi na monto ɔfasu yi?” 4 Na wobisaa wɔn bio sɛ: Monkyerɛ yɛn nnipa a wɔresi dan yi din. 5 Nanso Yudafo mpanyimfo no Nyankopɔn ani ku wɔn ho, na wɔansiw wɔn kwan kosii sɛ asɛm no koduu Dario nkyɛn ansa, na wɔde eyi ho nhoma san bae bio. Wɔbɔ Dario amanneɛ 6 Nhoma a asuogya ha amrado Tatenai ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo a ɛwɔ asuogya ha soma de kɔmaa ɔhene Dario no ni: 7 Wɔsoma de nhoma kɔmaa no, na sɛ wɔkyerɛw wɔ mu ni: Ɔhene Dario, asomdwoe ara nko. 8 Ma ɔhene nhu sɛ yesiim kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛse no fi hɔ, na wɔde abo akɛse resi, na wɔde nnua agugu afasu no so, na adwuma no, wɔreyɛ no nsi mu, na ɛreyɛ yiye wɔ wɔn nsam. 9 Na yebisaa mpanyimfo no, na sɛ yesee wɔn ni: Hena na ɔhyɛɛ mo sɛ munsi ɔdan yi na monto ɔfasu yi? 10 Na yebisabisaa wɔn din nso sɛ yɛrebɛka akyerɛ wo, na yɛakyerɛkyerɛw mmarima a wɔyɛ wɔn atitiriw no din. 11 Na sɛ wobuaa yɛn ni: Wose: Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɔdan a wosii no dabidabi mfe bebree yi a Israel hene kɛse bi sii na owiei no. 12 Na sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuw nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babel hene Nebukadnesar, Kaldeani no, nsa, na obubuu ofi yi, na otutuu ɔman no kɔɔ Babel. 13 Nanso Babel hene Kores afe a edi kan no mu ɔhene no hyɛe sɛ wonsi Onyankopɔn fi yi. 14 Na Onyankopɔn fi sika ne dwetɛ nnwinne a Nebukadnesar fae fii asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu de kɔɔ Babel asɔredan no mu nso, ɔhene Kores fa de fii hɔ, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa, 15 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa nneɛma yi kɔ, na fa kosie asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wonsi Onyankopɔn dan no wɔ ne sibea. 16 Ɛnna Sesbasar yi ara bae bɛhyɛɛ Onyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no ase, na efi bere no so de besi sesɛɛ yi wɔde si ara, na wonwiei ɛ. 17 Na afei, sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fi a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ ɔhene Kores na ɔhyɛe sɛ wonsi Onyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka ɔhene adwene eyi ho nkyerɛ yɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana