Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Esra 3 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE som no san fi ase bio

1 Na ɔsram a ɛto so ason dui no, na Israelfo no tete wɔn nkurow no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ho ano yɛɛ biako baa Yerusalem.

2 Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfo no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wokosii Israel Nyankopɔn afɔremuka sɛ wɔrebɔ so ɔhyew afɔre, sɛnea wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no.

3 Na wɔde afɔremuka no sii ne nnyinaso so, efisɛ nsaase so aman ho hu kaa wɔn. Na wɔbɔɔ so ɔhyew afɔre maa AWURADE: Anɔpa hyew afɔre ne anwummere de.

4 Na wodii asese nnapɔnna no sɛ wɔakyerɛw no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔre ne dodow mu, sɛ n’atɔremude te no, sɛnea ehia da biara.

5 Na ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa hyew afɔre ne asram foforo de ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa de no, ne wɔn a wɔde ayamye ade brɛɛ AWURADE no nyinaa de nso.

6 Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no na wofii AWURADE hyew afɔre no bɔ ase. Na AWURADE asɔredan no de, wonnya nhyɛɛ ase ɛ.

7 Na wɔde sika maa abopaefo ne nnua adwumfo no, na wɔde aduan ne anonne ne ngo maa Sidonfo ne Tirofo sɛ wɔnkɔfa nkyeneduru nnua mfi Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛ Persia hene Kores maa wɔn ho kwan no.


Wɔto Asɔrefi no fapem

8 Na wɔbaa AWURADE fi ho, Yerusalem, afe a ɛto so abien mu ɔsram a ɛto so abien so no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkae, asɔfo ne Lewifo ne wɔn a wofi nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa fii ase, na wɔde Lewifo a wɔadi mfe aduonu de rekɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so.

9 Na Yesua ne ne mma ne ne nuanom, Kadmiel ne ne mma, Hodawia mma, gyinae sɛ onipa koro sɛ wɔrehwɛ Onyankopɔn fi adwumayɛfo no so: Henadad mma ne wɔn mma ne wɔn nuanom, Lewifo no.

10 Na abantofo no hyɛɛ AWURADE asɔredan no ase no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade kurakura ntorobɛnto, ne Lewifo, Asaf mma no, wokurakura nnawuru begyinagyinaa hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛ Israel hene Dawid hyehyɛe no.

11 Na wobuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyi ne aseda no mu sɛ “Na oye, n’adɔe wɔ hɔ daa” Israel so. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛse AWURADE ayeyi no mu sɛ wɔahyɛ AWURADE fi no ase nti.

12 Na asɔfo ne Lewifo ne agyanom atitiriw no mu pii a wɔanyin a wohuu kan fi no, na wɔhyɛɛ eyi ase wɔ wɔn anim no, de nne kɛse susui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so, osebɔ ne anigye mu,

13 na ɔman no nhu anigye sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonoe, efisɛ ɔman no bɔɔ ose kɛse ma wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan