Esra 10 - KYERƐW KRONKRONNhyehyɛe de siw Mmea ananafo aware ano 1 Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse. 2 Ɛnna Yehiel ba Sekania a ofi Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn de, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛahyiahyia mmea ananafo afi asase so aman mu, nanso afei eyi ho anidaso da so wɔ hɔ ma Israel. 3 Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yebeyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popo no afotu no nti; na wɔnyɛ no sɛ mmara no te. 4 Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn de, yedi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ! 5 Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wobedi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no. 6 Na Esra sɔre fii Onyankopɔn fi no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu. Na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsu nso wannom, efisɛ odii atukɔfo no mfomso ho nkɔmmɔ. 7 Na wɔpae kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfo no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano mmehyia Yerusalem, 8 na obiara a ɔremma nnansa mu sɛ mmapɔmma ne mpanyimfo afotu no te no, wɔbɛsɛe n’afide nyinaa pasaa, na ɔno nso wobetu no afi atukɔfo bagua no mu. 9 Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano behyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Onyankopɔn fi no anim mprae no so, na asɛm no ne osu kɛse bi nti wɔn ho popoe. 10 Na ɔsɔfo Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn se: Mo de, moafom sɛ moahyiahyia mmea ananafo, na mode abɛka Israel asodi no ho. 11 Na afei mompae mu nka nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nea ɔpɛ no, na montew mo ho mfi asase so aman ne mmea ananafo no ho. 12 Ɛnna bagua no nyinaa gyee so de nne kɛse kae sɛ: Ɛte sa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea woaka no. 13 Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ bere yi nso yɛrentumi nnyina abɔnten so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnanu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu. 14 Enti ma yenyi yɛn mmapɔmma mma bagua no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkurow mu a wɔahyiahyia mmea ananafo nyinaa mmra bere a wɔahyehyɛ mu, na kurow biara mu mpanyimfo ne emu atemmufo nka wɔn ho nkosi sɛ wobesianka yɛn Nyankopɔn abufuw a adɔ, asɛm yi ho, no afi yɛn so. 15 Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre gyinae eyi ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn. 16 Na atukɔfo no yɛɛ sa. Na woyii ɔsɔfo Esra ne mmarima a wɔyɛ agyanom atitiriw wɔn mpanyimfi so, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu. 17 Na wɔne mmarima a wɔahyiahyia mmea ananafo nyinaa wiee asɛm no ɔsram a edi kan no da a edi kan no mu. 18 Na wohuu asɔfo mma mu wɔn a wɔahyiahyia mmea ananafo: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia. 19 Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobeyi wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodi no ho afɔre; 20 ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia; 21 ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia; 22 ne Pashur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. 23 Na Lewifo mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia ɔne Kelita Petahia, Yuda ne Eliesa; 24 ne nnwontofo mu: Eliasib; ne aponanohwɛfo mu: Salum ne Telem ne Uri. 25 Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkiya, Miamin, Eleasar, Malkiya ne Benaia; 26 ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia; 27 ne Satu mma mu: Eliehoenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa; 28 ne Bebai mma mu: Yohanan, Hanania, Sabai, Atlai; 29 ne Bani mma mu: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot; 30 ne Pahat-moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase; 31 ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkiya, Semaia, Simeon, 32 Benyamin, Maluk, Semaria. 33 Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei. 34 Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai, Yaasau, 38 Bani, Binui, Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria, Yosef. 43 Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia. 44 Eyinom nyinaa awareware mmea ananafo, na mmea bi wɔ wɔn mu a wɔawowo mma. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana