Esra 1 - KYERƐW KRONKRONKores hyɛ Israelfo no ma wɔsan kɔ fie 1 Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE asɛm a efi Yeremia anom no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔpaee mu kae n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee nso sɛ: 2 Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. 3 Mo a moyɛ Onyankopɔn akyidifo no, Onyankopɔn nni mo akyi, ɛsɛ sɛ moforo kɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na monsan nkosi AWURADE Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔsom no Yerusalem. 4 Na obiara a ɔte ase, wɔ baabiara a ɔkɔsoɛ hɔ sɛ ɔhɔho no, ma ɛhɔfo mfa dwetɛ ne sika ne afide ne mmoa ayamye ade a wɔde bɛma Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan. 5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo akosi AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no. 6 Na wɔn a wɔtete wɔn mu no nyinaa hyia de dwetɛ nnwinne, sika ne afide ne mmoa ne aboɔdenne hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamye ade no nyinaa. 7 Na ɔhene Kores yii AWURADE fi nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem de ba besiee ne nyame fi no, 8 ɛnonom na Persia hene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar. 9 Na ne dodow ni: Sika nsanka aduasa, dwetɛ nsanka apem, nkuku a wɔde hyew aduhuam aduonu akron, 10 sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a edi hɔ ahanan ne du ne nnwinne a ɛkeka ho apem. 11 Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum, ahannan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wotuu wɔn kɔe a ɔde wɔn fi Babel san baa Yerusalem no de bae. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana