Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Efesofo 6 - KYERƐW KRONKRON


Mma ne Agyanom

1 Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.

2 Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu:

3 Na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.

4 Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


Nkoa

5 Nkoa, momfa osuro ne ahopopo ntie mo honam fam wuranom asɛm mfi mo koma mu, sɛnea moyɛ ma Kristo,

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde,

7 na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa.

8 Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam.


Awuranom

9 Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateɛteɛ ase, efisɛ munim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ ɔsoro, na ɔno de nnipa animhwɛ bi nni ne fam.


Honhom fam atamfo

10 Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

11 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛɛ adi asi,

12 efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.


Onyankopɔn Akode

13 Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.

14 Enti munnyina hɔ, momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,

15 na momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan;

16 ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa,

17 na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm,

18 na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,

19 ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.

20 Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.


Nkradi

21 Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛnea mete no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo Tikiko bɛma moahu ne nyinaa.

22 Eyi ara nti mesomaa no mo nkyɛn, na moahu sɛnea yɛn ho te na wahyɛ mo koma den.

23 Asomdwoe ne ɔdɔ ne gyidi nso a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

24 Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho ntɔ kyima dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan