Efesofo 5 - KYERƐW KRONKRONMonnɔ mo ho sɛ mo soro Agya no dɔ mo no 1 Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, 2 na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no. Bɔne a esiw kwan 3 Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo. 4 Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda. 5 Efisɛ munim dedaw sɛ aguamammɔfo biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu. Nkontaabu 6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so. 7 Enti mo ne wɔn nnni twaka. Esum ne hann 8 Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma, 9 efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu, 10 na monsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ. 11 Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom mompa ho ntama! 12 Efisɛ nneɛma a wohintaw yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo. 13 Na nneɛma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; efisɛ nea woyi adi nyinaa yɛ hann. 14 Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo. Asetena pa ho afotu 15 Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. 16 Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. 17 Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye. 18 Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu. 19 Momfa sanku ho nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sanku mo koma mu mma Awurade, 20 monna Agya Onyankopɔn ase daa ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, 21 mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu mu. Ɔyerenom 22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, 23 efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no. 24 Na sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu. Okununom 25 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no, 26 sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron, 27 na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho. 28 Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. 29 Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no. 30 Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa. 31 Eyi nti na onipa begyaw n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro. 32 Ahintasɛm yi so, na me de, meka no Kristo ne asafo no ho. 33 Nanso mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ommu ne kunu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana