Efesofo 3 - KYERƐW KRONKRONPaulo dwumadi wɔ amanaman mufo mu 1 Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo 2 sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no, 3 sɛ ɔnam adiyi so ma mihuu ahintasɛm no, sɛnea makyerɛw no tiaam dedaw no. 4 Sɛ mokenkan a, mode behu ntease a mewɔ Kristo ahintasɛm no ho 5 a awo ntoatoaso bi mu, wɔamma nnipa mma anhu, sɛnea wɔayi adi nnansa yi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron, wɔ honhom mu, 6 sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu. 7 Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no. 8 Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo, 9 na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no, 10 sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no, 11 sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no. 12 Ne mu na yɛnam ne ho gyidi so anya nnamyɛ ne ɔkwan, ahotoso mu. 13 Enti mesrɛ sɛ mommpa abaw m’amane a mo nti mihu a ɛne mo anuonyam no mu. Paulo adesrɛ 14 Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya 15 a wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no, 16 sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipasu no mu; 17 na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu, 18 na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no, 19 na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie. 20 Na nea otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa, ma no ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw, sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no, 21 ɔno na anuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ bere santen a ɛbɛba no ntoatoaso nyinaa mu. Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana