Daniel 9 - KYERƐW KRONKRONDaniel ahonu mpaebɔ 1 Akas-weros ba Dario a n’ase fi Media a odii Kaldeafo ahemman so hene no afe a edi kan mu, 2 afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔsɔn awie odu, Yerusalem amamfo so no so. 3 Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ. 4 Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so, 5 yɛayɛ bɔne afom so adi abɔnefosɛm atew atua, yɛafi wo mmara nsɛm ne w’atemmude ho akɔ. 6 Na yɛantie wo nkoa adiyifo a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no. 7 Wo Awurade, na trenee wɔ wo, na yɛn na animguase wɔ yɛn, sɛ ɛte nnɛ yi, ma Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri, nsaase a wɔn fom a wɔafom wo nti, wutuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, 8 AWURADE, yɛn na animguase wɔ yɛn, yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti; 9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua, 10 na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnantew ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifo no so de sii yɛn anim no mu; 11 na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti. 12 Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn akannifo a wobuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛse a ebi mmae, wiase nyinaa pɛn, sɛnea ɛbae Yerusalem no, baa yɛn so. 13 Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsan afi yɛn amumɔyɛ ho, na yɛatiw wo nokware. 14 Enti na AWURADE nyaa bɔne ho ani de baa yɛn so, na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ trenee, ne nneyɛe a ɔyɛe nyinaa mu, na yɛantie no. 15 Na afei, Awurade yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Misraim asase so de agye din sɛ ɛte nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne. 16 O Awurade, sɛ wo trenee nyinaa te no, dan w’abufuw ne w’anibere fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti na Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa. 17 Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, Awurade nti. 18 Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’aniwa na hwɛ yɛn amamfo ne kurow a wɔabɔ wo din wɔ so no, na ɛnyɛ yɛn trenee so na yɛde yɛn nkotɔsrɛ reba w’anim yi, na wo mmɔborohunu bebree nti, 19 Ao, AWURADE, tie, Ao, AWURADE tie, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔabɔ, wo kurow ne wo man so. Nnawɔtwe aduɔsɔn ho adiyisɛm 20 Na meda so merekasa na merebɔ mpae na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotɔsrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔw kronkron, 21 na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, ɔbarima Gabriel a mihuu no anisoadehu mu kan no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummere afɔrebɔ bere mu. 22 Na ɔkyerɛɛ me, na ɔne me kasae sɛ: Daniel, afei mafi maba sɛ merebɛma woanya nhumu. 23 Wo nkotɔsrɛ mfiase mu no, asɛm bi fi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, efisɛ wɔdɔ w’asɛm sɛ; enti te asɛm no ase, na hu adehu no mu. 24 Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron. 25 Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ. 26 Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn. 27 Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako; na dapɛn no fa mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana