Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 8 - KYERƐW KRONKRON


Anisoadehu foforo: Odwennini ne ɔpapo

1 Ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, anisoadehu bi yii ne ho kyerɛɛ me, Daniel, kan de a eyii ne ho kyerɛɛ me no akyi.

2 Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn abien gyina asu no ano, na mmɛn no wowaree, na biako ware sen biako, na nea ɛware no na efi dii akyiri.

4 Mihuu odwennini no sɛ ɔresisi akɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a obegye obi afi ne nsam, na ɔyɛ sɛnea ɔpɛ, na odi akokurokosɛm.

5 Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi fi atɔe bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wohwɛ a, ɛso, n’ani ntam.

6 Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn abien a mihuu no sɛ ogyina asu no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.

7 Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.

9 Na abɛn ketewa biako fi emu biako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ nifa fam ne apuei ne asase fɛfɛ no;

10 na ɛsoe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na otiatiaa wɔn so;

11 na ɔmaa ne ho so koduu asafo no safohene so, na oyii daa afɔre no fii n’anim, na wɔtow ne kronkron tenabea hwee fam.

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtow nokware kyenee fam, na ɔyɛɛ ade, na odii yiye.

13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wontiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi?

14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akosi anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye.

15 Na me, Daniel, mihuu anisoade no na mehwehwɛɛ ase mihui no, hwɛ, obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima sɛso,

16 na metee onipa nne, Ulai asukɔn so a ɔfrɛe sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehu no ase.

17 Na ɔbaa nea migyinae hɔ; na ɔbae no, misuroe, na mehwee m’anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.

18 Na ɔne me rekasa no, m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam; nanso osoo me mu de me gyinaa m’anan so bio.

19 Na ose: Hwɛ, merema woahu nea ɛbɛba abohuru no akyiri bere mu, na ɛfa awiei bere a wɔahyɛ no ho.

20 Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene;

21 na ɔpapo a ɔyɛ keka no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan;

22 na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.

23 Na wɔn ahenni no akyiri bere mu a mmaratofo awie wɔn adeyɛ no, ɔhene a n’ani yɛ den na ohu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre;

24 na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ n’ankasa tumi; na ɔbɛsɛe ade ma ayɛ nwonwa, na obedi yiye na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo man no.

25 Na n’anitew nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na obedi ne koma mu akokurokosɛm na obefi nkurɔfo bebree mpaase asɛe wɔn, na ɔbɛsɔre ahyɛ ahene mu hene, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.

26 Na anadwofa ne anɔpa adehu a wɔkae no yɛ nokware; enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.

27 Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na mesɔre meyɛɛ ɔhene adwuma, na adehu no yɛɛ me ahodwiriw, na obiara anhu mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan