Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 7 - KYERƐW KRONKRON


Ahemman anan ho adehu

1 Babel hene Belsasar afe a edi kan mu no, da bi a Daniel da ne mpa so no, ɔsoo dae huu anisoade bi; ɛnna ɔkyerɛw ɔdae no kaa nsɛm no mu ade titiriw.

2 Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.

3 Na mmoa akɛse anan pue fii ɛpo no mu, ɛsono oyi, na ɛsono oyi.

4 Nea odi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔre ntaban; mehwɛe ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so fii fam, na wɔma ogyinaa anan abien so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa koma.

5 Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!

6 Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.

7 Eyi akyi no mehwɛe ara anadwo adehu mu, na aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; ɔwɔ dade se akɛse, na odidi kekaw mu de n’anan pɛtɛw nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.

8 Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.

9 Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtenaa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nwi hoa sɛ oguanten nwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram;

10 ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.

11 Mede hwɛ ara, ɛno na nsɛm akɛse a abɛn no kekae nti, mehwɛe ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefram no.

12 Na mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn bere ne dɔn a wɔn nkwa nna nkodu.

13 Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.

14 Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.

15 Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me.

16 Mitwiw mebɛn wɔn a wogyina hɔ no mu biako, na mibisaa no eyi nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔma mihuu nneɛma no nkyerɛase.

17 Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.

18 Na ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten.

19 Ɛnna mepɛe sɛ mihu aboa a ɔto so anan a ɛsono ɔno ne wɔn nyinaa a ne ho yɛ hu boro so a ne se yɛ dade na n’awerɛw yɛ kɔbere a odidi bubu bi mu de ne nan pɛtɛw nkae no ho asɛm no ase,

20 ne ne ti so mmɛn du ne foforo a epuei no a abiɛsa tutui wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse, na wohwɛ a, ɔso sen ne mfɛfo no de;

21 mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefo dii ako, na etumii wɔn,

22 kosii sɛ nea ne nna akyɛ no bae, na wobuu atɛn maa ɔsorosoroni no ahotefo, na ɛbere a ahotefo beso ahenni no mu no dui.

23 Ɔkae sɛ: Aboa a ɔto so anan no bɛyɛ ahenni a ɛto so anan, asase so, a ɛbɛsono ɔno, ahenni nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no asinasin.

24 Na mmɛn du no, ahenni no ara mu na ahene du bɛsɔre, na wɔn akyi no ɔfoforo bi bɛsɔre. Na ɛbɛsono ɔno ne kanfo no, na ɔbɛbrɛ ahene baasa ase.

25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.

26 Na wɔbɛtena ase abu atɛn, na wɔagye ne nsam tumi asɛe no ama ayera akosi ase na asɛe koraa;

27 na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.

28 Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan