Daniel 6 - KYERƐW KRONKRONDaniel da agyata amoa mu 1 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahene ɔha aduonu besisi n’ahenni no so, sɛ wonni ahemman no nyinaa so, 2 ne wɔn so abirempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu biako, sɛ amantam ahene no mmu akontaa nkyerɛ wɔn, na ɔhene ade ammɔ no. 3 Na Daniel yi kyɛn abirempɔn ne amantam ahene no, efisɛ honhom a ɛkyɛn so wɔ no mu; na ɔhene no reyɛ de no asi ahemman no nyinaa so. 4 Ɛnna abirempɔn ne amantam ahene no hwehwɛe sɛ wobehu Daniel ho asɛm bi, ahenni no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, efisɛ odi nokware, na wonhu ne ho mfomso anaa bɔne biara. 5 Ɛnna mmarima no kae sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yehu bi ne Nyankopɔn mmara ho. 6 Ɛnna abirempɔn ne amantam ahene no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa! 7 Ahemman yi mu abirempɔn, mmakoma, amantam ahene, agyinatufo ne amradofo nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom sɛ: Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, O ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu. 8 Enti, ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wonkurukyerɛw kyerɛw a wɔrensakra, sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te no. 9 Eyi nti ɔhene Dario ma wokurukyerɛw kyerɛw ne ɛmom no. 10 Na Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara. 11 Ɛnna mmarima yi bɛtoaa Daniel na wohuu no sɛ ɔrebisa ade kotɔ srɛ Onyankopɔn anim. 12 Ɛnna wotwiw bae bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene sɛ: So, woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a obebisa onyame anaa onipa biara hɔ ade bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu? Ɔhene buae sɛ: Asɛm no atim sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te. 13 Ɛnna wobua see ɔhene sɛ: Daniel a ofi Yuda atukɔfo mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔsrɛ n’adesrɛ da koro mprɛnsa. 14 Ɛnna ɔhene tee asɛm no no, ɛyɛɛ no yaw kɛse, na odii ne tirim Daniel ho, sɛ obegye no, na ɔbɔɔ mmɔden ara kosii owiatɔ bere sɛ obegye no. 15 Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔhene, hu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛde biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnan ani. 16 Ɛnna ɔhene kae ma wɔkɔfaa Daniel bae na wɔtow no kyenee agyata amoa mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa yi no, ɔno na onnye wo. 17 Na wɔde ɔbo bi bae bɛtoo amoa no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberɛmpɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakra Daniel ho ade biara. 18 Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na odii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa ne mpenafo no mu bi ammrɛ no, na n’ani saree dwe. 19 Ɛnna ɔhene sɔree ahemadakye a anim tetewee no, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amoa no ano. 20 Na ɔbɛn amoa no ano no, ɔde awerɛhow nne teɛɛm frɛɛ Daniel; ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefo no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa yi atumi agye wo afi agyata no anom anaa? 21 Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasae sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! 22 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, efisɛ wahu me sɛ midi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne bi ɛ. 23 Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkae sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu. Na wɔanhu sewa biara a etii no, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. 24 Na ɔhene kae ma wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn beguu agyata amoa no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wonnya nnuu amoa no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu. 25 Ɛnna ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow a wɔtete asase nyinaa so no nyinaa sɛ: Ensi mo yiye mmoroso! 26 Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a midi so tumi nyinaa mu, wɔmfɛre na wonsuro Daniel Nyankopɔn, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte ase na ogyina hɔ daa, na n’ahenni yɛ nea ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtena hɔ akosi ase. 27 Ɔne nea oyi na ogye, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ɔsoro ne asase so, na ɔno na wayi Daniel afi agyata nsam. 28 Na Daniel yi dii yiye Dario ahenni ase ne Persiani Kores ahenni ase. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana