Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 5 - KYERƐW KRONKRON


Belsasar apontow

1 Ɔhene Belsasar tow n’aberɛmpɔn apem ponkɛse, na ɔnom nsa, wɔ wɔn anim.

2 Nsa no baa ani so no, Belsasar kae sɛ: Wɔmfa sika ne dwetɛ nnwinne a n’agya Nebukadnesar akɔfa afi asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn ne ne yerenom ne ne mpenafo nnom mu.

3 Ɛnna wɔde sika nnwinne a wɔkɔfa fii Onyankopɔn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no mu no bae, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn, ne yerenom ne ne mpenafo no nom mu;

4 wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.

5 Dɔn no mu ara na onipa nsa so nsatea fi bae bɛkyerɛw ahennan no fasu no akado so, kaneadua no anim, na ɔhene huu nsa a ɛkyerɛwee no ano.

6 Ɛnna ɔhene anim danee, na n’adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.

7 Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.

8 Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.

9 Ɛnna ɔhene Belsasar ho yeraw no kɛse, na n’anim danee, na n’aberɛmpɔn no tirim yɛɛ wɔn keserenee.

10 Ɔhene ne n’aberɛmpɔn nsɛm no nti ɔhemmea baa apontow dan no mu. Ɔhemmea no kae sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnhaw wo na w’anim nnnan.

11 Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,

12 na wohuu honhom a ɛkyɛn so ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ ɔdae ase kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ san apɔw wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ ase.

13 Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wone Daniel a wufi Yuda atukɔfo a m’agya ɔhene de wɔn fii Yuda bae no mu no?

14 Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahu wo mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛn so.

15 Na afei wɔde anyansafo pɛadeahufo aba m’anim, sɛ wɔmmɛkan kyerɛw yi na wɔnkyerɛ me ase; nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.

16 Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase na wosan apɔw. Na sɛ wutumi kan kyerɛw no kyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtankɔkɔɔ de sika ntweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.

17 Ɛnna Daniel bua kae ɔhene anim sɛ: Ma w’ayɛyɛde ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛde ma obi foforo, nanso mɛkan kyerɛw no makyerɛ ɔhene, na mama wahu ne nkyerɛase.

18 Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,

19 na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.

20 Na ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wotuu no fii n’ahengua no so, na woyii n’anuonyam fii ne ho;

21 na wɔpam no fii nnipa mma mu, na ne koma yɛe sɛ mmoa de, na ɔne sare so mfurum tenae, wɔma ɔwee wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, kosii sɛ ohui sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.

22 Na wo, ne ba Belsasar, wunim eyi nyinaa de, nanso woammrɛ wo koma ase;

23 na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.

24 Ɛno nti ɔno na ɔmaa nsa no fi bɛkyerɛw nkurukyerɛwee yi.

25 Na kyerɛw a wɔakurukyerɛw no ni: MENE, MENE, TEKEL, PARSIN.

26 Asɛm no nkyerɛase ni: MENE, Onyankopɔn akan w’ahenni, na wabɔ no;

27 TEKEL, wɔakari wo nsenia mu, na wɔahu wo sɛ wunnu;

28 PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.

29 Ɛnna Belsasar kae ma wofuraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, na wɔbɔɔ ne ho dawuru sɛ, ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni no mu tumi.

30 Anadwo no ara na wokum Kaldeafo hene Belsasar.

31 Na Mediani Dario faa ahenni no, na wadi mfe aduosia abien.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan