Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 4 - KYERƐW KRONKRON


Nebukadnesar adaeso a ɛto so abien

1 Ɔhene Nebukadnesar de eyi kɔma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa a wɔte asase nyinaa so: Ensi mo yiye mmoroso!

2 Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.

3 Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

4 Me, Nebukadnesar, mete me fi dwoodwoo, na me ho ka me ho m’aban mu;

5 na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.

6 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafo mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me ɔdae no ase.

7 Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.

8 Na akyiri no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din te no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ no:

9 Beltesasar, kurukyerɛwfo panyin, sɛ minim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahintasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me dae mu adehu a mihui ne ne nkyerɛase kyerɛ me.

10 Na anisoade a mihui me mpa so no ni: Mehwɛe, na hwɛ, dua bi si asase mfinimfini a ɛware tenten.

11 Dua no so na ɛyɛ den, na ne tenten kodu ɔsoro, na wohu kodu asase nyinaa ano;

12 ɛso ahaban yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduan wɔ mu ma nnipa nyinaa; wuram mmoa tete ne nwini ase, na wim nnomaa sisi n’abaa so, na ɔhonam nyinaa didi ho.

13 Mehwɛe anisoade a mihui me mpa so no mu, na hwɛ, ɔwɛmfo kronkron bi fi soro durui;

14 ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abaa; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abaa so.

15 Nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne mmoa nni asase so ahaban;

16 Ma n’adwene nsakra, na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma na mmere nson ntwa ne ti so.

17 Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.

18 Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.

19 Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.

20 Dua a wuhui a ɛso na ɛyɛ den a ne tenten kɔpem ɔsoro na wohu asase nyinaa so,

21 na n’ahaban yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduan wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wuram mmoa tete ase na wim nnomaa sisi n’abaa so no,

22 ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kodu ɔsoro na wo tumidi du asase ano no.

23 Na sɛ ɔhene huu ɔwɛmfo kronkron bi sɛ ofi soro durui bɛkae sɛ: Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne wuram mmoa nnidi nkosi sɛ mmere nsɔn betwa ne ti so:

24 Ɔhene, nkyerɛase no ni, na ɔsorosoroni hyɛbea a ɛbɛba me wura ɔhene so ni:

25 Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

26 Na sɛ wɔkae sɛ wonnyaw dua no dunsin no, sɛ wunya hu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, w’ahenni begyina ama wo.

27 Enti, ɔhene, ma m’afotu nyɛ wo fɛ, na fa trenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafo ayɛyɛ sesa w’amumɔyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiyedi akyɛ.


Ɔhene adammɔ ne n’ahonu

28 Eyinom nyinaa baa ɔhene Nebukadnesar so.

29 Asram dumien wiee odu no, da bi na ɔnenam Babel ahenni aban so;

30 na ɔhene no kae sɛ: So, ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?

31 Ansa na asɛm no befi ɔhene anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam;

32 na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.

33 Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnesar ho, na wɔpam no fii nnipa mu, na odii wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, de kosii sɛ ne nwi fuwii sɛ ɔkɔre ntakra, na n’awerɛw yɛe sɛ nnomaa de.

34 Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;

35 na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?

36 Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinatufo ne m’aberɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.

37 Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan