Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 3 - KYERƐW KRONKRON


Mmarima baasa wɔ ogya fononoo mu

1 Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi a ne tenten si basafa dunum na ne tɛtrɛtɛ si basafa biako ne fa, ɔde sii Dura asasetaw so wɔ Babel asase so.

2 Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.

3 Ɛnna amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo, asennifo ne nsaase no so atumfo nyinaa behyiae sɛ wobedwira ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no, na wobegyinaa ohoni a Nebukadnesar de sii hɔ no anim.

4 Na ɛsɛn bi teɛɛm dennen sɛ: Mo nkurɔfo, aman ne ɔkasa horow, wɔka kyerɛ mo sɛ:

5 Ɛbere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, monhwe fam nsɔre sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.

6 Na nea ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu.

7 Ne saa nti aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa no nnyigyei ara pɛ, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.

8 Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;

9 wɔbɛka kyerɛɛ ɔhene Nebukadnesar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

10 Wo ɔhene, woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,

11 na nea wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu:

12 Yudafo bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase so hwɛfo, Sadrak, Mesak ne Abednego; mmarima yi mmu wo, ɔhene; wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

13 Ɛnna Nebukadnesar de abufuw ne anibere kae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Ɛnna wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

14 Nebukadnesar bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So ɛyɛ mo ɔboayɛ, Sadrak, Mesak ne Abednego, sɛ monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no?

15 Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?

16 Sadrak, Mesak ne Abednego buaa ɔhene Nebukadnesar sɛ: Enhia yɛn sɛ yebebua wo eyi ho asɛm bi.

17 Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, na obegye yɛn afi wo, ɔhene, nsam.

18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.

19 Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,

20 na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfo, sɛ wɔnkyere Sadrak, Mesak ne Abednego mfa wɔn nkogu ogya a ɛrefram fononoo no mu.

21 Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, wɔn ntade ne wɔn mmotiri ne wɔn ntama mu, na wɔtow wɔn guu ogya a ɛrefram no mu.

22 Ɛno nti, sɛ ɔhene asɛm no mu yɛ den, na fononoo no adɔ hyerehyere aboro so nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak ne Abednego kɔforoe no, ogyaframa no kum wɔn.

23 Na mmarima baasa yi, Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn no hwehwee ogya a ɛrefram fononoo no mu.

24 Ɛnna ɔhene Nebukadnesar ho dwiriw no, na ɔsɔree ntɛmntɛm, na ɔka kyerɛɛ n’agyinatufo no sɛ: So, ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyeree wɔn guu ogya no mu? Wobuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.

25 Obuae sɛ: Hwɛ, mihu mmarima baanan a wɔasan wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyima ɛ, na nea ɔto so anan no tebea te sɛ anyame ba bi.

26 Ɛnna Nebukadnesar bɛn ogya a ɛrefram fononoo no ano na ɔkae sɛ: Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, mumfi adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abednego fii adi fii ogya no mu.

27 Na amantam ahene, mmakoma ne amradofo ne ɔhene agyinatufo hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn ti so nwi anhyew, na wɔn ntwontwo ansakra, na ogya no ho hua amfa wɔn ho.

28 Nebukadnesar kae sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfo, na wabeyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too no so na wɔsakraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam mae, nea ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.

29 Na me na mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wobetwitwa no asinasin, na wɔama ne fi ayɛ sumina, efisɛ Onyankopɔn bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛɛ.

30 Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abednego dii yiye Babel asase so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan