Daniel 2 - KYERƐW KRONKRONNebukadnesar adaeso ne ne nkyerɛase 1 Na Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien no, ɔsosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe. 2 Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim. 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso dae bi, na me honhom ho yeraw me sɛ mehu dae no ase. 4 Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene Siria kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo dae no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ ase. 5 Ɔhene bua ka kyerɛɛ Kaldeafo no sɛ: Asɛm no afi me mu kɔ; sɛ moankyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wɔadan mo afi sumina; 6 na sɛ mokyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, mubenya me hɔ akyɛde ne ayɛyɛde ne nidi kɛse; enti monkyerɛ me ɔdae no ne n’ase. 7 Wobuae bio sɛ: Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ ase. 8 Ɔhene buae sɛ: Minim ampa sɛ moregye bere, esiane sɛ muhu sɛ asɛm no afi me mu kɔ nti. 9 Sɛ moankyerɛ me ɔdae no a, asɛm rebɛto mo, efisɛ moadwen atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka wɔ m’anim de akosi sɛ mɛsesa m'adwene; enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ me ase. 10 Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn. 11 Na asɛm a ɔhene bisa yi yɛ den dodo, na obi bi nni hɔ a obetumi akyerɛ ɔhene anim, gye anyame a wɔnte adasamma mu no. 12 Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa. 13 Na mmara no bae sɛ wonkum anyansafo no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfo no sɛ wɔrebekum wɔn. 14 Ɛnna Daniel de kasa pa ne nyansa ne ɔhene ankɔbeahene Ariok a ofii sɛ ɔrekokum Babel anyansafo no kasae; 15 ɔka kyerɛɛ Ariok, ɔhene safohene no, sɛ: Ɛdɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ɛyɛ den sɛɛ yi? Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel. 16 Na Daniel kɔe kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no bere na waka nkyerɛase no akyerɛ no. 17 Ɛnna Daniel fi kɔɔ ne fi, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfo Hanania, Misael ne Asaria, 18 sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborohunu, ahintasɛm no ho, na wɔansɛe Daniel ne ne mfɛfo anka Babel anyansafo a aka no ho. 19 Ɛnna woyii ahintasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn; 20 Daniel buae sɛ: Nhyira nka Onyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no; 21 ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ; 22 oyi nea emu dɔ ne nea ahintaw adi, onim nea ɛwɔ esum mu, na hann ne no te. 23 Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase miyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi nea yɛsrɛɛ wo akyerɛ me, sɛ woama yɛahu ɔhene asɛm no. 24 Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnsɛe Babel anyansafo no nkyɛn; ɔkɔe kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafo no, nsɛe wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ ɔhene ase. 25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahu Yuda atukɔfo no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene dae no ase. 26 Ɔhene bua ka kyerɛɛ Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: So wubetumi akyerɛ me ɔdae a mesoe no ne ne nkyerɛase? 27 Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene; 28 nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye. Wo dae ne w’anisoade a woda wo mpa so no wuhui no ni: 29 Wo, ɔhene, wususuw nea daakye ɛbɛba no ho, wo mpa so, na nea oyi ahintasɛm adi no ama woahu nea ɛrebɛba no. 30 Na me de, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sen ateasefo nyinaa nti na wɔayi ahintasɛm yi akyerɛ me, na nea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛase no, na woahu wo koma mu adwene no ntia. 31 Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, ohoni kɛse bi ni. Ohoni no so, na ɛharan hyɛnn; egyina w’anim na ɛho yɛ hu. 32 Ohoni no ni: Ne ti yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asen yɛ kɔbere; 33 n’asrɛ yɛ dade, n’anan mu bi yɛ dade, na emu bi yɛ ɛfa. 34 Wode hwɛ ara kosii sɛ ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku; 35 ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma. 36 Ɔdae no ni, na yɛbɛka ne nkyerɛase nso akyerɛ ɔhene. 37 Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahenni, tumi, ahoɔden ne anuonyam ama wo, 38 na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no. 39 Na w’akyi na ahenni foforo bɛsɔre a ennu wo de no ananmu, ne ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere a ebedi asase nyinaa so. 40 Na ahenni a ɛto so anan no bɛyɛ den sɛ dade; na sɛnea dade bubu na ɛyam ade nyinaa no, sɛ dade a ɛbobɔ ade ara na ebebubu na abobɔ ɛno nyinaa. 41 Na sɛ wuhuu anan ne anansoaa a emu bi yɛ ɔnwemfo fa na emu bi yɛ dade no, ɛbɛyɛ ahenni a emu apaepae, nso dade denyɛ no bɛtena mu, sɛnea wuhui sɛ dɔte afrafra dade no mu no. 42 Na anansoaa a emu bi yɛ dade na ebi yɛ ɛfa no, ahenni no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛw; 43 na sɛ wuhuu dɔte sɛ afrafra dade no, nnipa no bedi afra, wɔn asefo mu, na wɔremfomfam wɔn ho, sɛnea dade nnya ɛfa mu afraye no. 44 Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa. 45 Ɛno nti wuhui sɛ ɔbo a nsa anka tew fii bepɔw no ho, na ebebubu dade, kɔbere, ɛfa, dwetɛ ne sika no dukuduku. Onyankopɔn kɛse no akyerɛ ɔhene nea daakye ɛbɛba, na ɔdae no wom na ne nkyerɛase yɛ nokware. 46 Ɛno na ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuw fam, na ɔkotow Daniel, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no aduan afɔre ne ohuam afɔre. 47 Ɔhene buaa Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahene wura ne nea oyi ahintasɛm adi, sɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi yi. 48 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw. 49 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abednego sisii Babel asase so hwɛfo; na Daniel de, ɔtenaa ɔhene aban mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana