Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 12 - KYERƐW KRONKRON


Awufo sɔre no

1 Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.

2 Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.

3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.


Wɔsɔ adiyisɛm no ano

4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.

5 Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, mmarima foforo baanu gyina hɔ, obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha, na obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha.

6 Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?

7 Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wobewie eyinom nyinaa.

8 Na metee, na manhu ase, na mise: Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?

9 Na ose: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no.

10 Wɔbɛpɔw nnipa bebree ho ahoa wɔn ho atew wɔn ho, na abɔnefo bedi nsɛmmɔne, na abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.

11 Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfoyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.

12 Nhyira ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.

13 Enti kɔ kodu awiei, na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan