Daniel 10 - KYERƐW KRONKRONAhoyi a efi soro ba 1 Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu. 2 Nna no mu na me, Daniel, me werɛ howee adapɛn abiɛsa; 3 manni aduan a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nanso mansra koraa kosii sɛ adapɛn abiɛsa no wiee odu. 4 Na ɔsram a edi kan no da a ɛto so aduonu anan no na mewɔ asu kɛse Hidekel [a ɛne Tigris] ano. 5 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ofura nwera na Ufas sika bɔ n’asen ni; 6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛbo, na n’anim te sɛ anyinam, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne n’anan te sɛ ayowa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyigyei te sɛ ɛpo huuyɛ nnyigyei. 7 Na me, Daniel, nko na mihuu anisoade no, na mmarima a ɛka me ho no anhu ade no, nanso ehu kɛse kaa wɔn, na woguan kohintawee. 8 Na ɛkaa me nko, na mihuu anisoade kɛse yi, na ahoɔden bi anka me mu, na m’ahoɔfɛ dan yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na mannya ahoɔden biara. 9 Na metee ne nsɛm nne; na metee ne nsɛm nne no, na m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam. 10 Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me kanyan me ma meweaweaa me nankoroma ne me nsa so. 11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae. 12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na efi da a wode wo koma too so sɛ wobɛte ase na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebae. 13 Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me adaduonu da biako, na hwɛ, mmapɔmma atitiriw no mu biako, Mikael, bae bɛboaa me, na metenaa hɔ Persia ahene no nkyɛn. 14 Na maba sɛ merebɛma woate nea ɛbɛyɛ wo man, nna a edi akyiri no mu; na nna no ho anisoadehu da so wɔ hɔ. 15 Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim misii fam, na metɔɔ mum. 16 Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma sɛso kaa m’anofafa, na mibuee m’ano mekasae meka mekyerɛɛ nea ogyina m’anim no sɛ: Owura, anisoadehu no mu m’akwaa ahima, na ahoɔden biara nni me mu; 17 na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi betumi ne me wura yi akasa? Efisɛ afei de, ahoɔden biara nni me mu, na ɔhome bi nso nni me mu. 18 Na obi a ɔte sɛ onipa sɛso san bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den; 19 na ose: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoe nka wo, yɛ den, yɛ den! Na ɔne me kasae no, mehyɛɛ me ho den, na mise: Ma me wura nkasa, efisɛ woahyɛ me den. 20 Na ose: So, wunim nea enti a mebaa wo nkyɛn? Na afei na mɛsan me ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebefi makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba. 21 Nanso mɛkyerɛ wo nea wɔakurukyerɛw nokware nhoma no mu, na obiara nni hɔ a obegyina aso me mu atia eyinom gye, mo bapɔmma Mikael. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana