Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 1 - KYERƐW KRONKRON


Daniel ne ne mfɛfo wɔ Babel

1 Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛtow hyɛɛ wɔn so.

2 Na AWURADE de Yuda hene Yehoiakim ne Onyankopɔn fi nneɛma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ Sinar asase so de kɔɔ nyame fi, na ɔde nnwinne no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafohene Aspenas, sɛ ɔmfa Israelfo mu, ahene asefo ne mmapɔmma no mu

4 mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.

5 Na ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.

6 Na wɔn mu bi a wofi Yudafo mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;

7 na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafohene no anim adɔe ne mmɔborohunu.

10 Na apiafohene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Misuro, efisɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduan ne mo anonne no behu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sen mo tipɛnfo mmerantewa no de, no moama me ti ato, ɔhene anim.

11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ opiani a apiafohene no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ:

12 Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afumduan nni ne nsu nnom,

13 na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewa a wodi ahennuan no anim, na sɛnea wubehu no wo ne wo nkoa adi.

14 Ɛnna ɔpenee nea wɔkae no, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe dadu.

15 Na dadu no wiee odu no, wohuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sen mmerantewa a wodi ahennuan no nyinaa.

16 Ɛnna opiani no yii wɔn aduan pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afumduan.

17 Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.

18 Na bere a ɔhene kae sɛ wɔmfa wɔn mmra no dui no, apiafohene no de wɔn baa Nebukadnesar anim.

19 Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.

20 Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.

21 Na Daniel tenaa hɔ koduu ɔhene Kores afe a edi kan so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan