Atemmufo 9 - KYERƐW KRONKRONAbimelek nnebɔne ne ne sɛe 1 Ɛnna Yerubaal ba Abimelek siim kɔɔ Sekem, ne na ne nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fi abusua nyinaa sɛ: 2 Monka ngu Sekemfo nyinaa asom sɛ: Nea ɛwɔ he na eye ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no nyinaa bedi mo so anaa obiako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me. 3 Ɛnna ne na ne nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfo nyinaa asom; na wɔn koma dan dii Abimelek akyi, na wose: Yɛn nua ne no. 4 Na wɔfaa Baal-berit fi nnwetɛbona aduɔsɔn de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufo animharefo bi paa ma wodii n’akyi. 5 Na ɔbaa n’agya fi Ofra bekunkum ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no, ɔbo biako so: Nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, efisɛ ohintawee. 6 Na Sekemfo no nyinaa ne abankɛse mufo nyinaa behyiae, na wɔkɔe kosii Abimelek hene nkaebo dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase. 7 Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, osiim kogyinaa Gerisim bepɔw atifi, na ɔmaa ne nne so teɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfo, muntie me, na Onyankopɔn nso ntie mo. 8 Da bi nnua kɔe sɛ wɔkɔsra obi asi wɔn so hene, na wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ: Di yɛn so hene. 9 Na ngodua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So minnyaw me srade a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyini nnua so anaa? 10 Na nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ: Wo de, bra bedi yɛn so hene. 11 Na borɔdɔma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So minnyaw me dɛ ne m’aba pa no, na minkokyini nnua so anaa? 12 Na nnua no ka kyerɛɛ obobe sɛ: Wo de, bra bedi yɛn so hene. 13 Na obobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So minnyaw me nsa a egye anyame ne nnipa ani, na minkokyini nnua so anaa? 14 Ɛnna nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe sɛ: Wo de, bra bedi yɛn so hene. 15 Na nsɔe ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokware mu na moresra me asi mo so hene a, ɛnne mommra mmɛdɔ me nwini mu; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon nkyeneduru no. 16 Na afei, sɛ mudii no nokware ne trenee mu sɛ musii Abimelek hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fi adi no yiye, na sɛ n’adwuma so ade na mode ayɛ no yi a, 17 sɛ m’agya ko maa mo, na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ogyee mo fii Midian nsam, 18 na mo de, moasɔre ahyɛ m’agya fi nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔsɔn ɔbo biako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfo so hene, sɛ mo nua ne no nti, 19 ɛnne, sɛ nokware ne trenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fi adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho. 20 Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi Abimelek mu mmɛhyew Sekemfo ne abankɛse mufo, na ogya nso mfi Sekemfo ne abankɛse mufo mu mmɛhyew Abimelek. 21 Na Yotam twee ne ho guan kɔɔ Beer kɔtenaa hɔ, ne nua Abimelek ho suro nti. 22 Na Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa. 23 Ɛnna Onyankopɔn somaa honhommɔne bi baa Abimelek ne Sekemfo ntam, na Sekemfo twitwaa Abimelek nkontompo, 24 na Yerubaal mma aduɔsɔn no ho mmusu aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a okum wɔn no ne Sekemfo a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ onkum ne nuanom no atifi. 25 Na Sekemfo no maa nnipa kɔtɛw no wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no so nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek. 26 Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom bae bɛsen kɔɔ Sekem; na Sekemfo no de wɔn ani too no so. 27 Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek. 28 Na Ebed ba Gaal kae sɛ: Hena ne Abimelek, na hena ne Sekem a yɛnsom no? So ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdɛn nti na yɛn de, yɛnsom no? 29 Na hena na ɔde ɔman yi bɛhyɛ me nsa na anka matu Abimelek so. Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: Ma wo dɔm nnɔɔso na fi bra. 30 Na kurow no so safohene Sebul tee Ebed ba Gaal nsɛm no, ne bo fuwii, 31 na ɔnam ase somaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn sɛ: Hwɛ, Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na hwɛ, wɔrehwanyan ɔman no atia wo. 32 Na afei sɔre anadwo, wo ne ɔman a wɔka wo ho no, na kɔtɛw wuram. 33 Na anɔpa a owia repue no, sɔre ntɛm bɛtow hyɛ kurow no so, na hwɛ, ɔno ne ɔman a wɔka ne ho no befi adi abehyia wo, na woayɛ no sɛnea wubetumi. 34 Ɛnna Abimelek ne ɛdɔm a wɔka no ho no nyinaa sɔree anadwo, na wɔnam akuw anan bɛtetɛw Sekem. 35 Na Ebed ba Gaal fii adi kogyinaa kurow no pon ano. Na Abimelek ne nkurɔfo a wɔka no ho no sɔre fii atɛwee hɔ. 36 Na Gaal huu ɔman no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: Hwɛ, ɔman bi fi mmepɔw no atifi resian. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Mmepɔw no sunsuma na wuhu sɛ nnipa no. 37 Na Gaal kae bio sɛ: Hwɛ, ɔman bi fi asase funuma so resian ba, na kuw biako fi Elon-meonenim kwan so reba. 38 Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkae sɛ: Hena ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? So ɛnyɛ ɔman a wubuu wɔn abomfiaa no ni? Afei fi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko. 39 Na Gaal fii adi dii Sekemfo no anim, na ɔne Abimelek kɔkoe. 40 Na Abimelek pam no, na oguanee n’anim, na nnipa pii totɔe de kosii kurow no pon ano. 41 Na Abimelek tenaa Aruma; na Sebul pam Gaal ne ne nuanom no sɛ wɔnntena Sekem. 42 Na ade kyee no, ɔman no fii adi kokɔɔ wuram; na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek. 43 Na ɔfaa ɔman no buu wɔn mu akuw abiɛsa, na ɔkɔtɛw wuram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔman no refi adi afi kurow no mu, na ɔsɔre hyɛɛ wɔn kunkum wɔn. 44 Na Abimelek ne asafokuw a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kogyinaa kurow no pon ano, na asafokuw abien no tow hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wuram nyinaa so kunkum wɔn. 45 Na Abimelek ne kurow no koe da mu no nyinaa, na ɔfaa kurow no, na okum nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kurow no, na ɔde nkyene petee so. 46 Na Sekem abankɛse mufo nyinaa tee no, wɔkɔɔ onyame Berit fi aban mu. 47 Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufo nyinaa aboaboa wɔn ho ano. 48 Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔw so, ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kurae na okotwaa dubaa, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɔman a wɔka ne ho no sɛ: Nea moahu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛ meyɛe no. 49 Na ɔman no nyinaa twitwaa nnubaa de dii Abimelek akyi de beguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛse no mu nnipa nyinaa nso wuwui, mmarima ne mmea bɛyɛ apem. 50 Ɛnna Abimelek siim kɔɔ Tebes kɔbɔɔ Tebes so nsra, na ɔfae. 51 Na abantenten dennen bi wɔ kurow no mu, na ɛhɔ na mmarima ne mmea nyinaa ne kurow no mufo nyinaa guanguan kɔe na wɔtoo wɔn ho mu, na wɔforo kɔɔ aban no atifi. 52 Na Abimelek duu aban no ho bɛkoe, na otwiw bɛn aban no pon ano sɛ ɔde gya rebɛhyew. 53 Na ɔbea bi tow owiyammoba bɔɔ Abimelek ti de pɛtɛw ne tikora. 54 Ɛnna ɔfrɛɛ n’abofra a ɔso n’akode ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrante kum me, na wɔanka wɔ me ho sɛ ɔbea na okum no. Na n’abofra no de nkrante wɔɔ no ma ɔtɔe. 55 Na Israel mmarima no hui sɛ Abimelek atɔ no, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn tenabea. 56 Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ okum ne nuanom aduɔsɔn no so ka. 57 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn ma ebuaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana