Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 6 - KYERƐW KRONKRON


Gideon frɛ

1 Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.

2 Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfo yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔw mu ne abodan ne hintabea fae.

3 Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,

4 na wɔbɛbɔ wɔn so nsra, na wɔsɛe asase no so nnɔbae de kodu Gasa, na wonnyaw aduan bi anaa oguan sɛ nantwi sɛ afurum bi wɔ Israel.

5 Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntamadan ba, na wɔba sɛ mmoadabi pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.

6 Na Israel gurowee Midian anim sɛ, na Israelfo su frɛɛ AWURADE.

7 Na Midian nti Israelfo su frɛɛ AWURADE no,

8 AWURADE somaa ɔbarima diyifo bi baa Israelfo nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na mema moforo fii Misraim bae, na miyii mo nkoafi mu,

9 na migyee mo Misraim nsam ne mo ahawfo nyinaa nsam, na mituu wɔn fii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo;

10 na misee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, munnsuro Amorifo a mote wɔn asase so no anyame, nanso moantie me nne.

11 Na AWURADE bɔfo bae bɛtenaa odupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas de no ase; na ne ba Gideon reporow awi nsa-kyi-amoa mu, sɛ ɔde rehintaw Midianfo.

12 Na AWURADE bɔfo no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.

13 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyi a, anka ɛdɛn na eyi nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwonwade a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na Awurade yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei Awurade apa yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsayam.

14 Na Awurade dan n’ani kyerɛɛ no na ɔkae sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kogye Israel Midian nsam; ɔsoma na masoma wo yi!

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, Awurade, dɛn na mede megye Israel? Hwɛ, m’asafo agurow Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fi.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, medi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa biako.

17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Afei sɛ manya w’anim anuonyam a, ɛnne yɛ sɛnkyerɛnne bi kyerɛ me, sɛ ɛyɛ wo na wo ne me rekasa yi.

18 Afei mfi ha kosi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛde mabesi w’anim. Na ose: Mɛtwɛn akosi sɛ wobɛsan aba.

19 Na Gideon kɔe kosiesiee apapowa ne asikresam olonka biako apiti; nam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsu no ohwie guu kuku mu, na ɔde fii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.

20 Na Onyankopɔn bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsu no, hwie gu. Na ɔyɛɛ sa.

21 Ɛnna AWURADE bɔfo no teɛɛ poma a ekura no no de ano kaa nam ne apiti no, na ogya fi ɔbo no mu bɛhyew nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfo no fii n’anim kɔe.

22 Na Gideon huu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfo no, Gideon kae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Afei na mahu AWURADE bɔfo anim ne anim.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoe nka wo, nsuro, worenwu.

24 Ɛnna Gideon sii afɔremuka hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no de besi nnɛ.

25 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na koburuw Baal afɔremuka a ɛyɛ w’agya de no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

26 Na si afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔw a ɛyɛ den yi atifi, sɛ ɛho nhyehyɛe te. Na fa nantwinini a ɔto so abien no bɔ ɔhyew afɔre Asera nnua a wubetwa no nnyina no so.

27 Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no; na sɛ osuro n’agya fi ne kurom hɔfo no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.

28 Na kurom hɔfo no sɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔaburuw Baal afɔremuka no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahyew nantwinini a ɔto so abien no, afɔremuka a wɔasi no so.

29 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hena na odii saa asɛm yi? Na wobisa hwehwɛɛ akyiri kwan; na wose: Yoas ba Gideon na odii saa asɛm yi.

30 Na kurom hɔfo ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ommewu, efisɛ waburuw Baal afɔremuka na watwitwa ɛho Asera nnua no.

31 Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre hyɛɛ no no nyinaa sɛ: So mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mubegye no? Nea ɔbɛko ama no no, wonkum no anɔpa yi; sɛ ɔyɛ onyame a, ɔno ara nko mma ne ho, sɛ wɔaburuw n’afɔremuka.

32 Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara se: Baal ne no nni sɛ waburuw n’afɔremuka.

33 Na Midian ne Amalek ne Apueifamfo n nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu.

34 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn torobɛnto, na Abi-eserfo hyia bedii n’akyi.

35 Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase nyinaa, na wɔn nso hyiae bedii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo bae behyiaa no.

36 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛnea wokae no a,

37 hwɛ, mede oguanten nwi merebɛhata awiporowbea; sɛ obosu tɔ nwi no nko so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mehu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛnea wokae no.

38 Na n’adekyee anɔpa a ɔsɔree no, okyim nwi no, na okyii nwi no mu obosu hyɛɛ kora ma.

39 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfuw me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa nwi no mensɔ menhwɛ prɛko bio: Ma nwi no nko nwo na obosu ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

40 Na Onyankopɔn yɛɛ saa anadwo no, na nwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosu tɔ guu hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan