Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 3 - KYERƐW KRONKRON


Otniel

1 Na eyinom ne amanaman a AWURADE gyaw wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ,

2 sɛnea ɛbɛyɛ na Israel awo ntoatoaso no behu akodi na wɔakyerɛ wɔn a kan no wonnim no:

3 Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.

4 Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahu sɛ wobetie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa.

5 Na Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no mu.

6 Na wɔfofaa wɔn mmabea warewaree na wɔde wɔn mmabea momaa wɔn mma aware, na wɔsonsom wɔn anyame.

7 Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.

8 Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfo som Kusan-risataim mfirihyia awotwe.

9 Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa Israelfo ma ogyee wɔn: Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

10 Na AWURADE honhom baa no so, na odii Israel anim, na ofii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim, hyɛɛ ne nsa, na odii no so nkonim

11 Na asase no so dwoe mfirihyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.


Ehud

12 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moab hene Eglon den tiaa Israel, efisɛ wɔyɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

13 Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfo ano kaa ne ho, na ɔbae bedii Israel so nkonim na wɔbɛfaa nkyeresia kurow no.

14 Na Israelfo som Moab hene Eglon mfe dunwɔtwe.

15 Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfo de ayɛyɛde nam no so kɔmaa Moab hene Eglon.

16 Na Ehud yɛɛ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsaama, na ɔde bɔɔ n’akotade ase, ne dwonku nifa so.

17 Na ɔde ayɛyɛde no kɔmaa Moab hene Eglon; nso Eglon yɛ onipa bran pa ara.

18 Na ɔde ayɛyɛde no maa no wiei no, ogyaa nkurɔfo a wɔsoso ayɛyɛde no kwan ma wɔkɔe;

19 na ɔno ara de, ɔdan ne ho fii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkae sɛ: Ɔhene, mewɔ ahintasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Monyɛ komm. Na wɔn a wogyina ne ho nyinaa fii ne nkyɛn fii adi.

20 Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ne nko ara na ɔte n’abansoro dan a ogye mframa wɔ mu no mu. Na Ehud kae sɛ: Mewɔ Onyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre fii n’agua so.

21 Ɛnna Ehud teɛɛ ne nsa benkum soo sekan a ɛwɔ ne dwonku nifa so no mu de wɔɔ n’afuru mu,

22 na sekan dua no nso dii dade no akyi hyɛn mu, na srade sram dade no so. Na wantwe sekan no amfi ne yafunu no mu, na epue fii akyiri.

23 Na Ehud fii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apon mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu.

24 Na ofii adi no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wose: Ebia okogya ne nan mframadan pia mu.

25 Na wɔtwɛnee ara de kosii sɛ wɔn ani bui, na hwɛ, obiara anhiɛ abansoro dan no pon no. Ɛnna wɔfaa safe de hiɛe, na hwɛ, wɔn wura da fam, awu.

26 Na wɔretwentwɛn wɔn nan ase no, Ehud guanee, na obetwaa ahoni no ho, na oguan baa Seira.

27 Na odui no, ɔhyɛn torobɛnto Efraim bepɔw so, na Israel mma ne no sian fii bepɔw no so, na odii wɔn anim;

28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntu mmirika nni m’akyi, efisɛ AWURADE de mo atamfo Moabfo no ahyɛ mo nsa. Na wosian dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwaree a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.

29 Na saa bere no wokunkum Moab mmarima bɛyɛ ɔpedu, mmarima akatakyi ahoɔdenfo ara nko, na wɔamma obiara amfi mu.

30 Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoe mfirihyia aduɔwɔtwe.


Samgar

31 Na Ehud wu akyi no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kum Filistifo mu nnipa ahansia; na ɔno nso, gyee Israel.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan