Atemmufo 20 - KYERƐW KRONKRONBenyamin so asatu 1 Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn. 2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuw nyinaa mu mpanyimfo no, begyinaa Onyankopɔn man guabɔ no mu, wosi mmarima ɔpehannan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrante. 3 Na Benyaminfo tee sɛ Israelfo asim kɔ Mispa. Na Israelfo no kae sɛ: Monka nkyerɛ yɛn ɛ, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte sɛɛ yi? 4 Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbea a wodii no awu no kunu no buae sɛ: Miduu Gibea a ɛyɛ Benyamin de no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ. 5 Na Gibeafo no sɔre hyɛɛ me, na me nti wotwaa ofi no ho hyiae anadwo, anka me na wɔrepɛ me akum me, na wɔbrɛɛ me mpena no ase ara ma owui. 6 Na misoo ɔbea no mu mitwitwaa no asinasin, na mema wɔde kɔɔ Israel agyapade asase nyinaa so, efisɛ wɔayɛ abusude ne nkwaseade, Israel mu. 7 Na afei mo Israelfo nyinaa ni, momma yɛn mo adwene ne afotu wɔ ha yi ara. 8 Na ɔman no nyinaa sɔre gyinae sɛ ɔbarima biako kae sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ne ntamadan mu, na yɛn mu biara remman ne fi. 9 Na afei eyi ne asɛm a yɛne Gibea bedi: Yɛbɛkɔ wɔn so ntonto so, 10 na yɛayi nnipa ɔha mu du, Israel mmusuakuw nyinaa mu, ne apem mu ɔha, ne ɔpedu mu apem, na wɔakɔfa aduan abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wodii Israel mu no nyinaa te. 11 Na Israel mmarima no nyinaa kohyia hyɛɛ kurow no; wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima biako. 12 Na Israel mmusuakuw somaa nnipa kɔɔ Benyamin abusuakuw nyinaa mu kae sɛ: Dɛn adebɔne ara ne nea wɔayɛ mo mu yi? 13 Na afei munyi mma abusufo a wɔwɔ Gibea no mmra na yenkum wɔn, na yenyi bɔne no mfi Israel. Na Benyaminfo no ampɛ sɛ wotie wɔn nuanom Israelfo no. 14 Na Benyaminfo no fifi nkurow mu bɛboaa wɔn ho ano Gibea, sɛ wobefi ne Israelfo akɔko. 15 Na wɔkan Benyaminfo da no ara, wɔn a wofifi nkurow mu, nnipa ɔpeduonu asia a wɔtwe nkrante; ɛsono Gibeafo a wɔkan wɔn a wosi mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn no. 16 Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn yɛ abenkumfo, wɔn nyinaa tumi tow nwi po ataabo a ɛmfom. 17 Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, woyi Benyamin fi mu a, wosi mmarima ɔpehanan a wɔtwe nkrante. Eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo. 18 Na Israelfo sɔree, na wosiim kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn; na wose: Yɛn mu hena na ɔnkɔ kan ne Benyaminfo no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kan. 19 Na Israelfo sɔree anɔpa kɔbɔɔ Gibea so nsra. 20 Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea. 21 Na Benyaminfo no fii adi fii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima ɔpeduonu abien guu fam da no ara. 22 Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wotwitwaa wɔn mpasua bio nea wotwitwaa da a edi kan hɔ no ara. 23 Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so. 24 Na Israelfo twiw baa Benyaminfo so da a ɛto so abien no. 25 Na Benyamin fii adi fii Gibea da a ɛto so abien no, na wɔkaa Israelfo mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, eyinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrante. 26 Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim. 27 Na Israelfo no bisaa AWURADE, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ nna no mu, 28 na Aaron ba Eleasar ba Pinehas na ogyina n’anim nna no mu, na wɔkae sɛ: So mimfi adi bio ne me nua Benyamin mma no nkɔko anaasɛ minnyae? Na AWURADE kae sɛ: Monkɔ na ɔkyena mede no mɛhyɛ mo nsa. 29 Ɛnna Israel de atɛwfo twaa Gibea ho hyiae. 30 Na Israelfo no siim kɔɔ Benyaminfo no so da a ɛto so abiɛsa no, na wotwitwaa Gibea so mpasua sɛ kan no. 31 Na Benyaminfo no fii adi behyiaa dɔm no, na wɔtwee wɔn fii kurow no mu, na wofii ase bobɔɔ nnipa no bi kunkum wɔn sɛ kan no, atempɔn a biako kɔ Betel na biako kɔ Gibea petee mu no so, Israel mu mmarima bɛyɛ aduasa. 32 Na Benyaminfo no kae sɛ: Wɔadi yɛn anim nkogu sɛ kan no. Na Israelfo no kae sɛ: Momma yenguan, na yɛntwe wɔn mfi kurow no mu mmra atempɔn so. 33 Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔree fii wɔn afa, na wokotwaa mpasua wɔ Baal-amar. Na Israel atɛwfo no fifii adi fii wɔn afa, Geba bodan no ho. 34 Na mmarima ɔpedu a wɔapaw wɔn Israel nyinaa mu no befii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfo no nnim sɛ amane rebɛto wɔn. 35 Na AWURADE kum Benyamin Israel anim, na Israelfo no dwerɛw Benyamin mmarima ɔpeduonu anum ne ɔha da no. Eyinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrante. 36 Na Benyaminfo no huu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima no bɔɔ twitwi na wɔmaa Benyamin kwan, efisɛ wɔn ani da atɛwfo a wɔama wɔakɔtetɛw Gibea no so. 37 Na atɛwfo no yɛɛ ntɛm kɔtow hyɛɛ Gibea so, na wɔde nkrante kunkum kurow mu no nyinaa. 38 Nso ɔkasasie a ɛda Israel mmarima no ne atɛwfo no ntam ne sɛ: Sɛ wɔma owusiw kumɔnn a ɛso fi kurow no mu sɔre kɔ soro a, 39 Israel mmarima no nnan wɔn ho dɔm no ano. Nso na Benyamin afi ase abobɔ Israel mmarima no akunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa, na wose: Ɔka ara na yɛaka wɔn agu wɔ yɛn anim sɛ kan ko no mu. 40 Na nnyahyewee no fii ase ma owusiw kumɔnn no sɔre fii kurow no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, kurow mu no rehyew na ne wusiw reforo kɔ ɔsoro. 41 Na Israel mmarima no nso dannan wɔn ho, na nketenkete kitaa Benyamin mmarima no, efisɛ wohuu sɛ amane ato wɔn. 42 Na wɔdan wɔn akyi Israel mmarima no anim faa sare so kwan; na ɔko no tu taree wɔn, na wɔn a wofifi nkurow mu bae no dwerɛw wɔn wɔn mu. 43 Wɔkaa Benyamin hyɛɛ mu hyiae tiw wɔn ara koduu wɔn asoɛe pam wɔn kosii Gibea ntentenso, Apuei fam. 44 Na Benyamin mmarima mpem dunwɔtwe totɔe; eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo. 45 Ɛnna wɔdan wɔn ho guan kɔɔ sare so fam Rimon botan no ho. Na wotwitwaa wɔn sɛ wɔdɔw sare, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wotu taree wɔn dii wɔn akyi koduu Gidom, na wokunkum wɔn mu mmarima mpennu. 46 Na Benyamin atɔfo a wɔtotɔe da no nyinaa si mmarima ɔpeduonu anum a wɔtwe nkrante; eyinom nyinaa yɛ mmarima akofofo. 47 Na mmarima ahansia nko na wɔdan wɔn ho guan kɔɔ sare so kɔɔ Rimon botan no so, na wɔkɔtenaa Rimon botan no ho asram anan. 48 Na Israel mmarima no san wɔn akyi baa Benyaminfo no so, na wɔde nkrante kunkum wɔn, nnipa ne mmoa, ne nea wɔn nsa kae nyinaa; nso wɔtotoo nkurow a woduu so nyinaa mu gya. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana