Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 16 - KYERƐW KRONKRON


Samson soa Gasa apon kɔ

1 Na Samson siim kɔɔ Gasa, na okohuu ɔbea aguaman bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafo sɛ: Samson aba ha, na wotwaa ne ho hyiae, na wɔtɛw no anadwo no kurow no pon ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kae sɛ: Ade kye anɔpa a, yebekum no.

3 Na Samson dae kosii ɔdasu mu, na ɔsɔree ɔdasu no mu, na osoo kurow no apon ne apongua abien no mu, na otuu ɛne akyiri adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔw a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.


Delila

4 Na ɛno akyi no, ɔdɔɔ ɔbea bi Sorek subon mu a ne din de Delila.

5 Na Filistifo asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ dekode a n’ahoɔden kɛse no wɔ mu, ne dekode a yɛde betumi no na yɛakyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona apem ne ɔha.

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, dɛn mu na w’ahoɔden kɛse no wɔ, na ɛdɛn na wɔde bɛkyere wo abrɛ wo ase?

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhama momono ason a ɛnwoe kyere me a, ɛnne megurow, na mayɛ sɛ onipa biara.

8 Ɛnna Filistifo asafohene no de nhamamono ason a ɛnwoe brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no.

9 Nso na atɛwfo hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na ɔtetew nhama no mu sɛnea ogya ka mfiriwa a, ɛtetew no. Na wɔanhu n’ahoɔden no ase.

10 Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo ɛ!

11 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehama foforo a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyere me a, ɛnna megurow mayɛ sɛ onipa biara.

12 Na Delila faa ntampehama foforo de kyekyeree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Nso na atɛwfo no hyɛ pia mu. Na ɔtetew fii ne basa no sɛ asaawa.

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abedu sesɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me ti nwi atɔw ason no de fra ntamabamma nwene a,

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na otuu nea wanwene no mu akoroteaa no ne annwene no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka sɛ: Medɔ wo, na wo koma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me dekode a w’ahoɔden kɛse yi wɔ mu.

16 Na ɔde ne nsɛm guan ne ho daa nyinaa yeraw ne ho na ne kra home tew no kɔɔ owu mu no,

17 ɛnna oyii ne koma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Oyiwan nkaa me ti da, efisɛ Onyankopɔn hotuafo ne me fi me na yam; sɛ woyi me ti a, na m’ahoɔden befi me ho, na magurow mayɛ sɛ onipa biara.

18 Na Delila huu sɛ waka no ne komam asɛm nyinaa no, ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Mommra pɛnkoro yi, na waka me ne komam asɛm nyinaa. Na Filistifo asafohene no baa ne nkyɛn, na wokurakura sika no wɔn nsam.

19 Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi ma obeyii ne ti nwi mmɛsa ason no, na ofii ase brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no fii ne ho kɔe.

20 Na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na ose: Mefi adi sɛ kan no, na mahwanyan me ho. Nso na onnim sɛ AWURADE afi no ho.

21 Na Filistifo no kyeree no tutuu n’aniwa, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam awi apokyerɛfo fi.

22 Na ne ti nwi fii ase fuwii, ne yi no akyi.


Samson adeyɛ a etwa to ne ne wu

23 Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

24 Na ɔman no huu no no, woyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkae sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefo a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa.

25 Na bere a wɔn ani agye no, wɔkae sɛ: Momfrɛ Samson na ommegoru nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson fii apokyerɛfo fi bae, na ogoruu wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

26 Na Samson ka kyerɛɛ abofra a okura ne nsa no sɛ: Gyaa me na minsuso adum abien a ɔdan no si so no mu, na mintweri.

27 Nso mmarima ne mmea ayɛ ofie hɔ ma, na Filistifo asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ ɔdan no atifi rehwɛ Samson agoru no.

28 Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: Awurade Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na minni m’aniwa abien yi so were prɛko Filistifo so.

29 Na Samson susoo mfinimfini adum abien a ɔdan no si so na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa soo biako mu na ɔde benkum soo biako mu.

30 Na Samson kae sɛ: Ma me ne Filistifo no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na ofi no buruw guu asafohene no ne ɔman a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufo a ɔma wowui ne wu mu dɔɔso sen wɔn a ɔma wowui ne nkwa bere mu.

31 Ɛnna ne nuanom ne n’agya fi nyinaa sian kɔe kɔfaa no de no foro bae besiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asiei. Na Samson dii Israel anim mfirihyia aduonu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan